Atemmufo
6 Na Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ enti Yehowa de wɔn hyɛɛ Midianfo nsa mfe ason.+ 2 Na Midianfo teetee Israelfo no.*+ Midianfo nti, Israelfo pɛɛ baabi wɔ mmepɔw mu, abodan mu, ne mmeae a ɛhɔ kɔ yɛ den* de wɔn ho kosiei.+ 3 Sɛ Israelfo yɛ afuw a, na Midianfo ne Amalekfo+ ne Apueifo+ abɛtow ahyɛ wɔn so. 4 Wɔba a, na wɔkyekye asoɛe wɔ hɔ tow hyɛ wɔn so, na na wɔsɛe wɔn asaase so nnɔbae nyinaa de kodu Gasa. Ná wonnyaw Israelfo biribiara a wobedi. Afei nso, na wonnyaw oguan anaa nantwi anaa afurum biara.+ 5 Ná wɔde wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntamadan foro ba yuu te sɛ ntutummɛ.+ Ná wɔne wɔn yoma dɔɔso papaapa,+ na na wɔba asaase no so bɛsɛe no. 6 Midianfo no nti, ohia fitaa kaa Israelfo no. Enti Israelfo su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn.+
7 Bere a Midianfo no nti Israelfo su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn no,+ 8 Yehowa somaa odiyifo bi baa Israelfo nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Me na miyii mo fii Egypt, na miyii mo fii nkoafi.+ 9 Migyee mo fii Egypt ne wɔn a wɔteetee mo no nyinaa nsam, na mepam wɔn fii mo anim, na mede wɔn asaase maa mo.+ 10 Na meka kyerɛɛ mo sɛ: “Mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ Munnsuro Amorifo a mote wɔn asaase so no anyame.”+ Nanso moantie me.’”*+
11 Akyiri yi, Yehowa bɔfo+ bɛtenaa dua kɛse a esi Ofra no ase, Abiesarni+ Yoas dua kɛse no. Saa bere no, na Yoas ba Gideon+ reboro hwiit wɔ amoa a wokyĩ nsã wom mu, sɛnea ɛbɛyɛ a Midianfo no renhu. 12 Na Yehowa bɔfo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkatakyi, Yehowa ka wo ho.”+ 13 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw oo, sɛ Yehowa ka yɛn ho ampa a, ɛnde adɛn nti na eyinom nyinaa ato yɛn?+ N’anwonwade a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn+ a wɔka kaa ho sɛ, ‘Yehowa na oyii yɛn fii Egypt’+ no, ne nyinaa wɔ he? Seesei Yehowa apo yɛn,+ na ɔde yɛn ahyɛ Midianfo nsa.” 14 Na Yehowa dan n’ani kyerɛɛ no kae sɛ: “Fa ahoɔden a wowɔ yi ara kɔ, na wubegye Israelfo afi Midianfo nsam.+ Ɛnyɛ me na meresoma wo anaa?” 15 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa, mepa wo kyɛw oo, ɛbɛyɛ dɛn na matumi agye Israel? Hwɛ! Manase abusuakuw mu nyinaa, m’abusua* na esua koraa, na me papa fi nso, me na mensɛ hwee koraa.” 16 Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Medi w’akyi,+ enti wubedi Midianfo so nkonim te sɛ nea wɔyɛ onipa baako.”
17 Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manya w’anim anuonyam a, ɛnde ma me sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wo na wo ne me rekasa. 18 Mepa wo kyɛw, mfi ha nkɔ kosi sɛ mɛkɔ aba na mede m’akyɛde abesi w’anim.”+ Enti ɔkae sɛ: “Mɛtena ha akosi sɛ wobɛsan aba.” 19 Na Gideon kɔe, na ɔkɔpɛɛ apɔnkye ba bi noae, na ɔde esiam efa* baako yɛɛ paanoo a mmɔkaw* nnim.+ Ɔde nam no guu kɛntɛn mu, ɛnna ɔde nam no ho nsu no guu dadesɛn mu. Afei ɔde pue baa ne nkyɛn, na ɔde sii n’anim wɔ dua kɛse no ase.
20 Na nokware Nyankopɔn no bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nam no ne paanoo a mmɔkaw nnim no kosi ɔbotan kɛse no so, na hwie nam no ho nsu no gu so.” Na ɔyɛɛ saa. 21 Ɛnna Yehowa bɔfo no teɛɛ poma a ekura no no, na ɔde ano no kaa nam no ne paanoo a mmɔkaw nnim no, na ogya fi ɔbotan no mu bɛhyew nam no ne paanoo a mmɔkaw nnim no.+ Na Yehowa bɔfo no yera fii n’anim. 22 Ɛnna Gideon hui sɛ ɛyɛ Yehowa bɔfo.+
Enti ɛhɔ ara na Gideon kae sɛ: “Awurade Tumfo Yehowa, mawu awie! Yehowa bɔfo na mahu n’anim yi!”+ 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Asomdwoe nka wo. Nsuro;+ worenwu.” 24 Enti Gideon sii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa, na wɔfrɛ no Yehowa-Salom*+ besi nnɛ. Ɛda so wɔ Abiesarfo kurow Ofra mu.
25 Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa wo papa nantwinini ketewa no, nantwinini ketewa a ɔto so abien a wadi mfe ason no, na bubu Baal afɔremuka a wo papa sii no, na twa ɔbosom dua* a esi ho no.+ 26 Afei hyehyɛ abo no na fa si afɔremuka ma Yehowa wo Nyankopɔn wɔ abannennen yi atifi. Wuwie a, fa nantwinini ketewa a ɔto so abien no, na fa no bɔ ɔhyew afɔre wɔ nnua asinasin no so, nnua a wunya fii ɔbosom dua* a wutwae no ho no.” 27 Enti Gideon yii mmarima du fii ne nkoa mu, na ɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ. Nanso na osuro ne papa fifo ne kurom hɔ mmarima no paa, enti wanyɛ adwuma no awia; ɔyɛɛ no anadwo.
28 Bere a kurom hɔ mmarima sɔree anɔpatutuutu no, wohui sɛ wɔabubu Baal afɔremuka no, na wɔatwa ɔbosom dua* a esi ho no, na nantwinini ketewa a ɔto so abien no nso, na wɔde no abɔ afɔre wɔ afɔremuka a wosii no so. 29 Na wobisabisae sɛ: “Hena na ɔyɛɛ saa ade yi?” Bere a wɔhwehwɛɛ mu no, wɔkae sɛ: “Yoas ba Gideon na ɔyɛe.” 30 Enti kurom hɔ mmarima ka kyerɛɛ Yoas sɛ: “Fa wo ba no bra ma yenkum no, efisɛ wabubu Baal afɔremuka no, na watwa ɔbosom dua* a esi ho no nso.” 31 Ɛnna Yoas+ bisaa nnipa a wɔbaa no so no nyinaa sɛ: “Adɛn, mo na mubedi Baal asɛm ama no? Mo na mubegye no? Obiara a ɔbɛko ama Baal no, wonkum no anɔpa yi ara.+ Sɛ ɔyɛ onyame a, ɛnde obi abubu n’afɔremuka, enti momma ɔno ara nko mma ne ho.”+ 32 Enti saa da no, ɔtoo Gideon din Yerubaal,* na ɔkae sɛ: “Momma Baal nko mma ne ho, efisɛ obi abubu n’afɔremuka.”
33 Na Midianfo+ ne Amalekfo+ ne Apueifo nyinaa kaa wɔn ho boom,+ na wotwa* baa Yesreel Bon mu,* na wɔkyekyee asoɛe wɔ hɔ. 34 Afei Yehowa honhom baa Gideon so,*+ na ɔbɔɔ abɛn,+ na Abiesarfo+ bedii n’akyi. 35 Ɔsomaa nkurɔfo kɔɔ Manase asaase nyinaa so, na wɔn nso bedii n’akyi. Bio nso, ɔsomaa nkurɔfo kɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali nsaase so, na wɔforo behyiaa no.
36 Na Gideon ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Sɛ wonam me so na ebegye Israel sɛnea woaka no a,+ 37 ɛnde mede oguan nwi regu awiporowbea hɔ. Sɛ obosu fɔw oguan nwi no nko ara, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛnde mehu sɛ wonam me so na ebegye Israel sɛnea woaka no.” 38 Na saa ara na ɛbae. Bere a ade kyee anɔpatutuutu a ɔsɔree no, okyĩĩ oguan nwi no mu, na obosu a efii mu bae no yɛɛ kankyee kɛse bi ma. 39 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Mma wo bo mmfuw me; ma mensrɛ ade baako pɛ nka ho. Mepa wo kyɛw, ma memfa oguan nwi yi nhwɛ ade baako pɛ nka ho. Mepa wo kyɛw, ma oguan nwi no nko ara nwo, na obosu mfɔw fam hɔ nyinaa.” 40 Na saa na Onyankopɔn yɛɛ anadwo no. Nwi no nko ara na ɛwoe, na fam hɔ de, obosu fɔw hɔ nyinaa.