Wɔde ma dwom kyerɛfo; ɔkwan a wɔfa so to no: “Sukooko.” Wɔde kaakae nsɛm. Asaf dwom.+
80 O Israel Hwɛfo, tie;
Wo na wokyerɛ Yosef kwan sɛnea wɔyɛn nguan.+
Wo a wote kerubim so,+
Ma wo kanea nhyerɛn.
2 Ma wo tumi so+
Wɔ Efraim ne Benyamin ne Manase anim,
Na begye yɛn nkwa.+
3 O Onyankopɔn, san dom yɛn bio;+
Tew w’anim ma yɛn, na yennya nkwa.+
4 Asafo Yehowa Nyankopɔn, wo man mpaebɔ bɛyɛ wo abufuw akosi da bɛn?+
5 Woama nisu adan wɔn aduan,
Na woama wɔanom nisu aboro so.
6 Woma wɔn a wɔte bɛn yɛn no ko yɛn ho,
Na yɛn atamfo di yɛn ho fɛw sɛnea wɔpɛ.+
7 O asafo Nyankopɔn, san dom yɛn bio;
Tew w’anim ma yɛn, na yennya nkwa.+
8 Wuyii bobe dua+ bi fii Egypt;
Wopam amanaman no, na wuduae.+
9 Wusiesiee baabi maa bobe no,
Na enyaa ntini trɛtrɛwee wɔ asaase no so.+
10 Ne nwini kataa mmepɔw so,
Na ne mmaa bunkam Onyankopɔn sida nnua so.
11 Ne mmaa nyin koduu po ho,
Na ne nkorabata nso koduu Asubɔnten no ho.+
12 Bobefuw no, adɛn nti na woabubu ɛho afasu a ɛyɛ den no+
Ama wɔn a wotwam nyinaa tetew n’aba no bi?+
13 Kɔkɔte a wɔwɔ wuram no tu gu so we,
Na wuram mmoa de yɛ wɔn aduan.+
14 O asafo Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, san bra;
Brɛ w’ani ase fi soro na hwɛ nea ɛrekɔ so.
Besiesie bobe yi,+
15 Dua a wo nsa nifa duae no,+
Na bɛhwɛ aba a woama ayɛ den no.+
16 Wɔatwa ato fam, na wɔde ogya ahyew.+
W’animka ama ayera.
17 Teɛ wo nsa so onipa a ɔwɔ wo nifa so no mu,
Onipa ba a woama no ahoɔden de ahyɛ wo ho anuonyam no.+
18 Ɛba saa a, yɛrensan mfi w’akyi.
Kora yɛn nkwa so na yɛmmɔ wo din mfrɛ wo.
19 O asafo Yehowa Nyankopɔn, san dom yɛn bio;
Tew w’anim ma yɛn, na yennya nkwa.+