12 “Efraim aduan ne mframa.
Apuei mframa akyi na odi daa.
Wama atoro ne awudisɛm adɔɔso.
Wɔne Asiria yɛ apam,+ na wɔde ngo kɔ Egypt.+
2 Yehowa ne Yuda anya asɛm;+
Ɔbɛma Yakob abu n’akwan ho akontaa,
Na obetua no ka sɛnea ne nnwuma te.+
3 Yafunu mu na osoo ne nua nantin,+
Na ɔde n’ahoɔden ne Onyankopɔn peree so.+
4 Ɔne ɔbɔfo peree so kosii sɛ odii nkonim.
Osui, na ɔpaa no kyɛw sɛ onhyira no.”+
Ohuu no wɔ Betel, na ɛhɔ na Ɔne yɛn kasae.+
5 Yehowa yɛ asafo Nyankopɔn,+
Yehowa ne edin a wɔde kae no.+
6 “Enti san bra wo Nyankopɔn nkyɛn.+
Kɔ so da ɔdɔ a enni huammɔ ne atɛntrenee adi,+
Na fa w’ani to wo Nyankopɔn so daa.
7 Atoro nsenia wɔ oguadini nsam;
Nsisi yɛ no dɛ.+
8 Efraim keka sɛ, ‘Manya me ho tam;+
Manya ahode pii.+
Na me brɛ nyinaa mu, wobehu sɛ manni mfomso, na manyɛ bɔne biara.’
9 Mene Yehowa wo Nyankopɔn fi Egypt asaase so.+
Mɛsan ama woatena ntamadan mu
Te sɛ nna a wɔahyɛ no.
10 Me ne adiyifo no kasae,+
Memaa wɔn anisoadehu dɔɔso,
Na menam adiyifo so yɛɛ mfatoho pii.
11 Nnaadaa ne atosɛm aba Gilead.+
Wɔde anantwi abɔ afɔre wɔ Gilgal,+
Na wɔn afɔremuka te sɛ abo a esum afuw mu nkofi so.+
12 Yakob guan kɔɔ Aram asaase so,+
Na ɔyere nti,+ Israel+ somee wɔ hɔ,
Ɔyere nti, ɔhwɛɛ nguan.+
13 Yehowa nam odiyifo so yii Israel fii Egypt,+
Na ɔnam odiyifo so hwɛɛ no so.+
14 Efraim ahyɛ Onyankopɔn abufuw paa;+
Ne mogyahwiegu aka no so;
N’animguase nti, ne Wura betua no ka.”+