Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No.
120 Misu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu,+
Na ogyee me so.+
2 O Yehowa, gye me fi wɔn a wɔde wɔn ano ka atosɛm
Ne wɔn a wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm no nsam.
3 Wo a wode wo tɛkrɛma daadaa nkurɔfo,+
Dɛn na ɔde bɛyɛ wo, na dɛn na ɔde bɛtwe w’aso?
4 Akofo agyan a ano mfeamfeaa+
Ne sare so dua nnyansramma+ na ɛbɛba wo so.
5 Asɛm ato me! Efisɛ mabɛyɛ ɔhɔho wɔ Mesek.+
Kedar+ ntamadan mu na mabɛtena.
6 Wɔn a wokyi asomdwoe no,
Matena wɔn mu akyɛ dodo.+
7 Mepɛ asomdwoe, nanso mibue m’ano a,
Ntɔkwaw na wɔde hyia me.