Hosea
Obi bɛba Yehowa fi so te sɛ ɔkɔre,+
Efisɛ wɔabu m’apam so,+ na wɔato me mmara.+
2 Wosu frɛ me sɛ, ‘O yɛn Nyankopɔn, yɛn Israelfo de, yenim wo!’+
Enti ma ɔtamfo ntiw no.
4 Wɔasisi ahemfo, nanso me nsa nnim.
Wɔasisi abirɛmpɔn, nanso mannye antom.
5 O Samaria, wɔatow wo nantwi ba akyene.+
M’abufuw adɛw wɔn so.+
Enti morentumi nyɛ adepa da?*
6 Eyi fi Israel.
Samaria nantwi ba no, ɛnyɛ Onyankopɔn. Ɛyɛ biribi a odwumfo ayɛ.
Wobebubu nantwi ba no pasapasa.
Sɛ wonya bi mpo a, ahɔho* na ebedi ne nyinaa.+
Wɔbɛyɛ sɛ kuku bi a obiara mpɛ+
Wɔ amanaman no mu.
9 Wɔaforo kɔ Asiria+ te sɛ sare so afurum a ɔno nko ara atew ne ho.
Efraim abɔ adɔfo paa.+
10 Wɔbɔ wɔn paa fi amanaman no mu de,
Nanso afei mɛboaboa wɔn ano;
Na ahemfo ne abirɛmpɔn adesoa a wɔde bɛto wɔn so nti, wobefi ase ahu amane.+
11 Efraim ama afɔremuka adɔɔso, na ama wayɛ bɔne.+
Ɔde afɔremuka no yɛɛ bɔne.+
Enti ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, na watwe wɔn aso wɔn bɔne ho.+
14 Israel werɛ afi ne Yɛfo,+ na wasisi adan ama abosom,+
Na Yuda ama ne nkurow a wɔabɔ ho ban adɔɔso.+
Nanso mɛsoma ogya akɔ ne nkurow no mu,
Na aban atenten a ɛwɔ nkurow no mu no, ɛbɛhyew ne nyinaa.”+