Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 1
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Solomon srɛɛ nyansa (1-12)

      • Solomon ahonyade (13-17)

2 Beresosɛm 1:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:25; Ɔsɛ 2:9; Mt 6:28, 29; 12:42

2 Beresosɛm 1:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4; 1Be 21:29

2 Beresosɛm 1:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 13:5
  • +1Be 16:1

2 Beresosɛm 1:5

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 38:1, 2
  • +Ex 31:2-5

2 Beresosɛm 1:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4

2 Beresosɛm 1:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:5-9

2 Beresosɛm 1:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:8
  • +1Be 28:5; Dw 89:28, 29

2 Beresosɛm 1:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:12; 1Be 28:6; Dw 132:11
  • +Ge 13:14, 16

2 Beresosɛm 1:10

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “bedi ɔman yi anim de wɔn akɔ de wɔn aba.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 2:6; Yak 1:5
  • +Dw 72:1, 2

2 Beresosɛm 1:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “w’atamfo kra.”

  • *

    Nt., “nna dodow.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:10-13, 28

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/1/2005, kr. 19

2 Beresosɛm 1:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:25; 2Be 9:22; Ɔsɛ 2:9

2 Beresosɛm 1:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4

2 Beresosɛm 1:14

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”

  • *

    Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 17:16; 1Ah 4:26
  • +2Be 8:5, 6
  • +2Be 9:25

2 Beresosɛm 1:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 10:21
  • +1Ah 10:27; 2Be 9:27

2 Beresosɛm 1:16

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi nso akyerɛ, “wɔkra fii Egypt ne Kue; ná ɔhene aguadifo no tɔ fi Kue,” na ebetumi aba sɛ Kue no ara ne Kilikia.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 9:28
  • +1Ah 10:28, 29

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 1:11Be 29:25; Ɔsɛ 2:9; Mt 6:28, 29; 12:42
2 Be. 1:31Ah 3:4; 1Be 21:29
2 Be. 1:41Be 13:5
2 Be. 1:41Be 16:1
2 Be. 1:5Ex 38:1, 2
2 Be. 1:5Ex 31:2-5
2 Be. 1:61Ah 3:4
2 Be. 1:71Ah 3:5-9
2 Be. 1:82Sa 7:8
2 Be. 1:81Be 28:5; Dw 89:28, 29
2 Be. 1:92Sa 7:12; 1Be 28:6; Dw 132:11
2 Be. 1:9Ge 13:14, 16
2 Be. 1:10Mme 2:6; Yak 1:5
2 Be. 1:10Dw 72:1, 2
2 Be. 1:111Ah 3:10-13, 28
2 Be. 1:121Be 29:25; 2Be 9:22; Ɔsɛ 2:9
2 Be. 1:131Ah 3:4
2 Be. 1:14De 17:16; 1Ah 4:26
2 Be. 1:142Be 8:5, 6
2 Be. 1:142Be 9:25
2 Be. 1:151Ah 10:21
2 Be. 1:151Ah 10:27; 2Be 9:27
2 Be. 1:162Be 9:28
2 Be. 1:161Ah 10:28, 29
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 1:1-17

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

1 Dawid ba Solomon yɛɛ den n’ahenni mu, na Yehowa, ne Nyankopɔn dii n’akyi, na ɔma ɔyɛɛ kɛse paa.+

2 Solomon soma ma wɔkɔfrɛɛ Israel nyinaa bae; apem apem ne ɔhaha so mpanyimfo, atemmufo, ne Israel mpanyimfo a wɔyɛ agyanom abusuafi mpanyimfo nyinaa. 3 Ɛnna Solomon ne asafo a wɔka ne ho nyinaa kɔɔ sorɔnsorɔmmea* a ɛwɔ Gibeon+ no; ɛhɔ na na nokware Nyankopɔn no ahyiae ntamadan a Yehowa akoa Mose yɛe wɔ sare so no wɔ. 4 Nokware Nyankopɔn no Adaka no de, na Dawid akɔfa afi Kiriat-Yearim+ aba faako a Dawid siesie maa no no; ná wasi ntamadan ama no wɔ Yerusalem.+ 5 Kɔbere afɔremuka+ a Hur ba Uri ba Besalel+ yɛe no, na esi Yehowa ntamadan no anim; ɛhɔ na na Solomon ne asafo no bɔ mpae.* 6 Ɛnna Solomon bɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Yehowa; ɔde mmoa 1,000 bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ kɔbere afɔremuka+ a ɛwɔ ahyiae ntamadan no mu so.

7 Saa anadwo no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me nea menyɛ mma wo.”+ 8 Ɛnna Solomon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Woada ɔdɔ kɛse a enni huammɔ adi akyerɛ me papa Dawid,+ na woama masi n’ananmu adi hene.+ 9 O Yehowa Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ me papa Dawid no, ma ɛmmra mu;+ wo na woasi me hene wɔ nnipa a wɔn dodow te sɛ asaase so anwea yi so.+ 10 Ma me nyansa ne nimdeɛ+ a mede bedi ɔman yi anim,* efisɛ wo man kɛse yi de, hena na obetumi abu wɔn atɛn?”+

11 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Esiane sɛ eyi na ɛwɔ wo komam, na woammisa ahonyade, sika, anuonyam, anaa w’atamfo nkwa* anaasɛ nkwa tenten,* na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ a wode bebu me man a mede wo asi wɔn so hene no atɛn nti,+ 12 nyansa ne nimdeɛ no, mede bɛma wo, na ahonyade ne sika ne anuonyam nso, mɛma wo nea ahemfo a wodii w’anim no biara annya bi da, na obiara a obedi w’akyi aba nso rennya bi.”+

13 Ɛnna Solomon fii sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no,+ ahyiae ntamadan no anim, baa Yerusalem, na odii Israel so. 14 Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ* ano, na onyaa nteaseɛnam 1,400 ne apɔnkɔ* 12,000,+ na ɔde kɔɔ nteaseɛnam nkurow mu,+ na na ɛhɔ bɛn ɔhene wɔ Yerusalem.+ 15 Ɔhene maa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ dɔɔso wɔ Yerusalem sɛ abo,+ na ɔmaa sida nnua dɔɔso sɛ sikamɔɔ nnua a ɛwɔ Sefela.+ 16 Solomon apɔnkɔ no, wɔkra fii Egypt;+ ná ɔhene aguadifo no kɔtɔ apɔnkɔ* no akuwakuw tua bo a wɔatwa ato so.+ 17 Nteaseɛnam a wɔkra fii Egypt no, na ebiara bo yɛ nnwetɛbona 600, na ɔpɔnkɔ nso bo yɛ nnwetɛbona 150. Ná wɔn nso kɔtɔn ma Hitifo ahemfo ne Siria ahemfo.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena