Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom.
14 Onipa a onni adwene* ka no ne komam sɛ:
“Yehowa biara nni hɔ.”+
Wɔn suban asɛe koraa, na wɔyɛ akyiwade.
Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+
Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,
Ɔbaako mpo nni hɔ.
4 Nnebɔneyɛfo no mu biara nni hɔ a ɔwɔ ntease anaa?
Wɔmemene me man sɛnea wɔanya paanoo redi.
Wɔmmɔ Yehowa mpae.
7 Sɛ Israel nkwagye befi Sion aba,+
Na sɛ Yehowa bɛsan aboaboa ne nkurɔfo a wɔakodi obi man so no ano aba a,
Ɛnde ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurusi.