Ester
7 Enti ɔhene ne Haman+ baa Ɔhemmaa Ester apontow no ase. 2 Ɔhene san bisaa Ester da a ɛto so abien wɔ nsã apontow no ase sɛ: “Ɛdɛn na wopɛ, Ɔhemmaa Ester? Mɛyɛ ama wo. Ɛdɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahenni no fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!”+ 3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester kae sɛ: “O ɔhene, sɛ manya w’anim anuonyam, na sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene a, m’adesrɛ ne sɛ, mma me nkwa* mmfi me nsa, na m’abisade nso ne sɛ, mma me manfo nkwa mmfi wɔn nsa.+ 4 Efisɛ wɔatɔn yɛn,+ me ne me manfo sɛ wɔnhyew yɛn ase, wonkunkum yɛn, na wɔnsɛe yɛn.+ Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa ne mfenaa mpo a, anka merenka hwee. Nanso amanehunu a ɛde bɛba no nye koraa, efisɛ ɛbɛma ɔhene ahwere ade kɛse.”
5 Na Ɔhene Ahasweros bisaa Ɔhemmaa Ester sɛ: “Hena na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte saa? Ɔwɔ he?” 6 Ɛnna Ester kae sɛ: “Ɔtamfo a watu n’ani asi yɛn so no ne onipabɔnefo Haman yi.”
Na Haman koma tui, ɔhene ne ɔhemmaa no nti. 7 Ɛnna ɔhene no de abufuw sɔre fii nsã apontow no ase, na ɔkɔɔ ahemfi turo no mu. Na Haman sɔree sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester kyɛw sɛ ɔmfa ne ho nkyɛ no, efisɛ ohui sɛ ɔhene ani abere sɛ ɔbɛtwe n’aso. 8 Bere a ɔhene no fii ahemfi turom hɔ baa ofi a nsã apontow no rekɔ so wom no mu no, ohui sɛ Haman butuw Ester ho wɔ mpa no so. Ɛnna ɔhene no teɛɛm sɛ: “Ei! Ɔresan nso abɛto ɔhemmaa no mmonnaa wɔ me ara me fi?” Ɔhene kaa saa pɛ na wɔkataa Haman anim. 9 Ɛnna Harbona,+ ɔhene mpanyimfo no baako kae sɛ: “Haman koro yi ara ayɛ dua bi sɛ wɔnsɛn Mordekai wɔ so,+ Mordekai a n’asɛm gyee ɔhene nkwa no.+ Dua no si Haman fi, na ne tenten yɛ basafa 50.”* Ɛnna ɔhene kae sɛ: “Monkɔsɛn no wɔ so.” 10 Enti wɔkɔsɛn Haman wɔ dua a ɔyɛ maa Mordekai no so, na ɔhene no bo dwoe.