Mmebusɛm
4 Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Me nuabea ne wo,”
Na frɛ ntease sɛ, “me busuani.”
5 Ɛbɛbɔ wo ho ban afi ɔbea a waman* ho,+
Na abɔ wo ho ban afi ɔbea a ne bra asɛe* a n’ano yɛ dɛ* ho.+
8 Ɔkɔfaa baabi a ɛbɛn ɔbea no nkwanta so,
Na ɔfaa ɔbea no fi kwan so,
9 Anwummere a anim rebiribiri,+
Bere a ade resa na esum reba no.
11 Ɔyɛ peterepetere, na wasorow.+
Ɔntena* fie.
13 Ɔyeree aberante no, na ofew n’ano;
Watõtõ n’ani awe, enti ɔka kyerɛɛ aberante no sɛ:
Ɛnnɛ matua me bɔhyɛ ade.
15 Ɛno nti na mapue abehyia wo yi.
Mebae sɛ merebɛhwehwɛ wo, ɛnna mahu wo yi!
17 Mede kurobow ne pɛprɛ ne sinamon apetepete me mpa so.+
18 Bra, ma yenni ɔdɔ nkosi anɔpa;
Ma yɛmfa ɔdɔ nsɛpɛw yɛn ho.
19 Efisɛ me kunu nni fie;
Watu kwan kɔ akyirikyiri.
20 Wafa sika kotoku akura.
Ɔremma kosi da a ɔsram bɛyɛ kurukuruwa.”
21 Ɔde n’adɔkɔdɔkɔsɛm bebree no daadaa aberante no.+
Ɔde n’ano dɛdɛɛdɛ no nyaa no.
22 Otu dii n’akyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a wɔrekokum no,
Te sɛ ɔkwasea a wɔde no rekɔbɔ dua mu* atwe n’aso,+
23 Kosii sɛ agyan wɔɔ ne mmerɛbo mu;
Sɛnea anomaa tu mmirika kɔtɔ afiri mu no, onnim sɛ ne nkwa* na ɔde reto asiane mu.+
24 Enti afei me mma, muntie me;
Monyɛ aso ntie m’anom nsɛm.
25 Mma wo koma mmman nnkɔfa n’akwan so.