Sakaria
5 Afei mehwɛɛ ɔsoro bio, na mihuu nhoma mmobɔwee bi a atu nam wim. 2 Na obisaa me sɛ: “Ɛdɛn na wuhu?”
Ɛnna mekae sɛ: “Mihu nhoma mmobɔwee bi a atu nam wim. Ne tenten yɛ basafa* 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10.”
3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne nnome a apue rekɔ asaase nyinaa so, efisɛ nhoma mmobɔwee no fã baako kasa tia korɔnbɔ, nanso obiara a ɔbɔ korɔn+ afa ne ho adi. Nhoma mmobɔwee no fã baako a aka no kasa tia ntam hunu, nanso obiara a ɔka ntam hunu+ afa ne ho adi. 4 ‘Me na mema epue kɔe,’ asafo Yehowa asɛm ni, ‘na ɛbɛkɔ ɔkorɔmfo fi na akɔ nea ɔde me din ka ntam hunu no fi; na ɛbɛtena saa fi no mu na asɛe fi no ne emu nnua ne emu abo nyinaa.’”
5 Na ɔbɔfo a ɔne me rekasa no san baa me nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mepa wo kyɛw, ma w’ani so na hwɛ nea apue rekɔ yi.”
6 Ɛnna mibisae sɛ: “Ɛyɛ dɛn?”
Na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ efa susude* na apue rekɔ no.” Na ɔtoaa so sɛ: “Sɛɛ na wɔte wɔ asaase nyinaa so.” 7 Na mihui sɛ wɔapagyaw mmuaso kurukuruwa a wɔde sumpii* ayɛ no, na na ɔbea bi te susude no mu. 8 Enti ɔkae sɛ: “Amumɔyɛ ni.” Na ɔkaa no hyɛɛ efa susude no mu, na ɔde sumpii a emu yɛ duru no kataa ano.
9 Afei mehwɛɛ ɔsoro, na mihuu mmea baanu bi a wɔatu fãã nam mframa mu reba. Ná wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn ntaban. Na wɔmaa susude no so faa wim.* 10 Enti mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no sɛ: “Ɛhe na wɔde efa susude no rekɔ?”
11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔde no rekɔ Sinar* asaase so+ akosi dan ama no. Na sɛ wosi wie a, wɔde no bɛtena hɔ, baabi a ɛfata no no.”