Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom.
64 O Onyankopɔn, sɛ misu frɛ wo a, tie me nne.+
Ɔtamfo ho yɛ hu, enti bɔ me nkwa ho ban.
2 Sɛ nnebɔneyɛfo bɔ pɔw bɔne a, bɔ me ho ban fi ho,+
Na bɔ me ho ban fi amumɔyɛfo dɔm ho;
3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma te sɛ sekan;
Wɔhwehwɛ nsɛm a ano yɛ yaw a wɔbɛtow no sɛ agyan.
4 Wɔkɔtɛw baabi a wobetumi atow awɔ nea ne ho nni asɛm.
Wɔtow wɔ no mpofirim; wonsuro mpo.
5 Adwemmɔne no ara na wokura mu;
Wotu agyina hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so asum mfiri asie.
Wɔka sɛ: “Hena na obehu?”+
6 Daa wɔhwehwɛ akwan foforo a wɔbɛfa so adi bɔne;
Wɔfa nyansakwan so sum afiri sie;+
Obi komam asɛm nso de, obi rentumi nhu.
7 Nanso Onyankopɔn bɛtow agyan awɔ wɔn,+
Na ebepirapira wɔn mpofirim.
8 Wɔn ankasa anom asɛm na ɛbɛma wɔahwe ase.+
Obiara a obehu wɔn no bɛwosow ne ti.
9 Ɛbɛma nnipa nyinaa asuro
Na wɔaka nea Onyankopɔn ayɛ ho asɛm,
Na wɔbɛte ne nnwuma ase.+
10 Ɔtreneeni bedi ahurusi wɔ Yehowa mu, na ɔde no ayɛ ne guankɔbea;+
Koma mu teefo nyinaa bedi ahurusi.