Yesaia
“Monkɔ, asomafo* a mo ho yɛ hare,
Monkɔ ɔman a emufo yɛ atenten na wɔn ho yɛ tromtrom no nkyɛn,
Monkɔ nnipa a wosuro wɔn wɔ baabiara no nkyɛn,+
Monkɔ ɔman a wɔn ho yɛ den na wɔredi nkonim* no nkyɛn,
Ɔman a nsubɔnten ahohoro wɔn asaase no.”
3 Mo a mote wiase ne mo a mote asaase so nyinaa,
Nea mubehu no bɛyɛ te sɛ ahyɛnsode* a wɔde asi mmepɔw so,
Na mobɛte nne bi te sɛ nea wɔrebɔ abɛn.
4 Nea Yehowa aka akyerɛ me ni:
“Mɛyɛ komm na mahwɛ m’atenae,*
Te sɛ awia ketee ne emu ahohuru,
Te sɛ obosu mununkum wɔ twabere mu ahohuru mu.
5 Ansa na twabere bedu no,
Sɛ nhwiren gu wie na bobe no gyigye a,
Wɔde kantankrankyi* betwitwa nea afefɛw wɔ ho no,
Na wɔatwitwa ɛho nhama atow agu.
6 Wobegyaw wɔn afunu nyinaa ama mpete
Ne asaase so mmoa.
Mpete bɛtena wɔn nam ho ahohuru bere,
Na asaase so mmoa nyinaa atena ho twabere.