Hesekiel
47 Afei ɔsan de me baa asɔrefi no kwan ano,+ na mihui sɛ ɔkwan a ɛkɔ asɔrefi hɔ no, nsu bi fi ase resen kɔ apuei fam,+ efisɛ na asɔrefi no anim kyerɛ apuei fam. Nsu no sen fii asɔrefi no ase, nifa so wɔ afɔremuka no anaafo.
2 Ɛnna ɔde me faa ɔponkɛse a ɛda atifi no kwan so puei,+ na ɔde me kɔɔ ɔkwan a ɛda akyi no so baa adiwo ponkɛse a ɛhwɛ apuei fam no ano,+ na mihui sɛ nsu resen fi nifa so.
3 Ɔbarima no de n’ani kyerɛɛ apuei fam, na ɔde susuhama a okura wɔ ne nsam no+ susuw basafa* 1,000. Ɔma misii nsu no mu, na na ɛdeda me nankɔn.
4 Ɛnna ɔsan susuw basafa 1,000, na ɔma mefaa nsu no mu, na na ɛdeda me kotodwe.
Afei osusuw basafa 1,000 bio, na ɔma mefaa mu, na na ɛdeda m’asen.
5 Bere a ɔsan susuw basafa 1,000 no, mantumi amfa mu efisɛ na ayiri adan asubɔnten; ná ɛnyɛ nsu a obi betumi afa mu atwa, gye sɛ ɔboro.
6 Obisaa me sɛ: “Onipa ba, woahu eyi?”
Na ɔma mesan nantew baa asubɔnten no ano. 7 Mesan bae no, mihui sɛ nnua pii sisi asubɔnten no ho; ebi wɔ ɔfã ha na ebi nso wɔ ɔfã ha.+ 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsu yi resen akɔ apuei fam akɔfa Araba,*+ na ɛbɛkɔ akɔbɔ po mu. Sɛ ɛkɔbɔ po mu a,+ ɛbɛsa emu nsu yare. 9 Baabiara a asubɔnten* no bɛsen akɔ no, emu mmoa* nyinaa benya nkwa. Emu mpataa bɛdɔɔso, efisɛ nsu no bɛkɔ hɔ. Ɛbɛsa ɛpo nsu no yare na baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.
10 “Mpataayifo begyinagyina ho afi En-Gedi+ akɔpem En-Eglaim, na wobenya baabi a wɔhata asau. Na mpataa ahorow nyinaa bi bɛyɛ mu ma te sɛ Ɛpo Kɛse* no mu mpataa.+
11 “Mmeae bi bɛyɛ awora ne atɛkyɛ, na ɛrennya ayaresa. Ɛbɛyɛ nkyenenkyene.+
12 “Nnua a wodi so aba nyinaa bi befifi wɔ asubɔnten no ho wɔ ɔfã ha ne ɔfã ha. N’ahaban rempo, na ɛso aba rensa. Ɛbɛsow aba foforo bosome biara, efisɛ nsu a egugu so no fi kronkronbea hɔ.+ Wobedi so aba na wɔde n’ahaban asa yare.”+
13 Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Eyi ne asaase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuw 12 no sɛ wɔn agyapade, na Yosef asefo benya nkyem abien.+ 14 Asaase no bɛyɛ mo agyapade, na obiara benya pɛpɛɛpɛ.* Mekaa ntam sɛ mede asaase yi bɛma mo agyanom,+ na seesei abɛyɛ mo agyapade.
15 “Asaase no hye a ɛda atifi fam ni: Efi Ɛpo Kɛse no ho kɔfa Hetlon+ kɔ Sedad,+ 16 Hamat,+ Berota,+ ne Sibraim a ɛda Damasko ne Hamat ahye ntam, na ɛkɔpem Haser-Hatikon a ɛkɔ Hauran+ hye so no. 17 Enti ɔhye no fi po no ho kɔfa Hasar-Enon+ a ɛwɔ Damasko hye so wɔ atifi fam, na ekodu Hamat+ hye so. Eyi ne atifi fam ɔhye no.
18 “Apuei fam ɔhye no da Hauran ne Damasko ntam, na ɛkɔfa Yordan ho wɔ Gilead+ ne Israel asaase no ntam. Munsusuw mfi ɔhye no so nkɔ apuei fam po* no ho. Eyi ne apuei fam ɔhye no.
19 “Anaafo fam ɔhye no fi Tamar kɔ Meribat-Kades+ nsu ho, efi Subon* no ho kɔ Ɛpo Kɛse no ho.+ Eyi ne anaafo fam ɔhye no.
20 “Atɔe fam ɔhye no da Ɛpo Kɛse no ho, efi ɔhye no so kosi Lebo-Hamat*+ ntentenso. Eyi ne atɔe fam ɔhye no.”
21 “Monkyɛ asaase yi mfa; momfa mma Israel mmusuakuw 12 no. 22 Monkyɛ asaase no mfa na momfa bi mma ahɔho a wɔabɛsoɛ mo na wɔawowo mma no; mummu wɔn sɛ Israel man mma. Wɔne mo nyinaa benya agyapade wɔ Israel mmusuakuw mu. 23 Abusuakuw a ɔhɔho bi abɛsoɛ mu no, wɔn asaase so na momma no agyapade,” Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.