Sakaria
13 “Saa da no, wobetu abura bi ama Dawid fi ne Yerusalemfo, na wɔde bɛtew wɔn ho afi bɔne ne efĩ ho.+
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni, “mɛpopa ahoni din afi asaase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na meyi adiyifo ne honhom fĩ nyinaa afi asaase no so.+ 3 Na sɛ obi hyɛ nkɔm bio a, ne maame ne ne papa a wɔwoo no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wubewu, efisɛ wode Yehowa din atwa atoro.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne maame ne ne papa a wɔwoo no de ade bɛwɔ ne mu.+
4 “Saa da no, odiyifo biara bɛfɛre sɛ ɔbɛka anisoadehu de ahyɛ nkɔm. Na wɔrenhyɛ nwi ataade+ mfa nnaadaa nkurɔfo bio. 5 Na ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ obi a ɔdɔw, na bere a meyɛ abofra na obi tɔɔ me.’ 6 Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Na akuru a ɛwowɔ wo mmati* yi nso ɛ?’ Ɔbɛka sɛ, ‘Me nnamfo* fi na mipirae.’”
7 “O sekan, sɔre bra me guanhwɛfo no so,+
Sɔre bra ɔbarima no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko no,” asafo Yehowa asɛm ni.
8 Nea asafo Yehowa aka ni: “Asaase no sofo nyinaa,
Wɔbɛkyɛ wɔn mu abiɛsa na wɔatwa emu abien agu ama wɔasɛe;*
Na baako a aka no, wobegyaw wɔ so.
9 Na baako a aka a megyaw wɔn wɔ so no, mede wɔn bɛfa ogya mu;
Na mɛnan wɔn ayiyi wɔn mu fĩ te sɛ nea wɔnan dwetɛ yiyi mu fĩ no,
Na mɛsɔ wɔn ahwɛ te sɛ nea wɔsɔ sika kɔkɔɔ hwɛ no.+
Wɔbɛbɔ me din,
Na me nso magye wɔn so.
Na mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me man,’+
Na wɔn nso aka sɛ, ‘Yehowa ne yɛn Nyankopɔn.’”