Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Genesis Mu Nsɛntitiriw GENESIS EMU NSƐNTITIRIW 1 Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase (1, 2) Nnansia na ɔde yɛɛ asaase ho adwuma (3-31) Da 1: hann; awia ne anadwo (3-5) Da 2: ewim (6-8) Da 3: asaase kesee ne afifide (9-13) Da 4: nkanea a ɛwɔ wim (14-19) Da 5: mpataa ne nnomaa (20-23) Da 6: mmoa a wɔwɔ asaase so ne nnipa (24-31) 2 Da a ɛto so ason no yɛ Onyankopɔn homeda (1-3) Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔsoro ne asaase Bɔfo (4) Ɔbarima ne ɔbea asetena wɔ Eden turo mu (5-25) Ɔde dɔte nwenee onipa (7) Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua (15-17) Ɔbɔɔ ɔbea (18-25) 3 Nea ɛyɛe a onipa yɛɛ bɔne (1-13) Atoro a edi kan (4, 5) Yehowa buu atuatewfo no atɛn (14-24) Ɔhyɛɛ ɔbea no aseni ho nkɔm (15) Ɔpam wɔn fii Eden (23, 24) 4 Kain ne Habel (1-16) Kain asefo (17-24) Set ne ne ba Enos (25, 26) 5 Efi Adam so kosi Noa so (1-32) Adam woo mma mmarima ne mma mmea (4) Enok ne Onyankopɔn nantewee (21-24) 6 Onyankopɔn mma waree mmea wɔ asaase so (1-3) Wɔwoo Nefilimfo (4) Bɔne a nnipa yɛe hyɛɛ Yehowa awerɛhow (5-8) Ɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka (9-16) Onyankopɔn kae sɛ Nsuyiri bɛba (17-22) 7 Wɔkɔɔ adaka no mu (1-10) Nsuyiri baa wiase nyinaa (11-24) 8 Nsu no twetwee (1-14) Ɔsomaa aborɔnoma (8-12) Wofii adaka no mu (15-19) Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa asaase ho (20-22) 9 Ɔde ahyɛde maa nnipa nyinaa (1-7) Mmara a ɛfa mogya ho (4-6) Nyankontɔn apam (8-17) Nkɔmhyɛ a ɛfa Noa asefo ho (18-29) 10 Aman ahorow (1-32) Yafet asefo (2-5) Ham asefo (6-20) Nimrod sɔre tiaa Yehowa (8-12) Sem asefo (21-31) 11 Babel abantenten (1-4) Yehowa yɛɛ wɔn kasa basabasa (5-9) Efi Sem so kosi Abram so (10-32) Tera abusua (27) Abram tu fii Ur (31) 12 Abram fii Haran kɔɔ Kaanan (1-9) Onyankopɔn hyɛɛ Abram bɔ (7) Abram ne Sarai kɔɔ Egypt (10-20) 13 Abram san kɔɔ Kaanan (1-4) Abram ne Lot tetew mu (5-13) Onyankopɔn tii ne bɔhyɛ mu kyerɛɛ Abram (14-18) 14 Abram ko gyee Lot (1-16) Melkisedek hyiraa Abram (17-24) 15 Onyankopɔn ne Abram yɛɛ apam (1-21) Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ n’asefo behu amane mfe 400 (13) Onyankopɔn tii ne bɔhyɛ mu kyerɛɛ Abram (18-21) 16 Hagar ne Ismael (1-16) 17 Abraham bɛba abɛyɛ aman pii agya (1-8) Wɔsesaa Abram din frɛɛ no Abraham (5) Apam a ɛfa twetiatwa ho (9-14) Wɔsesaa Sarai din frɛɛ no Sara (15-17) Wɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛwo Isak (18-27) 18 Abɔfo baasa kɔsraa Abraham (1-8) Wɔhyɛɛ Sara bɔ sɛ ɔbɛwo ɔbabarima; ɔserewee (9-15) Abraham srɛ maa Sodom (16-33) 19 Abɔfo kɔsraa Lot (1-11) Wɔka kyerɛɛ Lot ne n’abusua sɛ womfi kurow no mu (12-22) Wɔsɛee Sodom ne Gomora (23-29) Lot yere dan nkyene siw (26) Lot ne ne mma mmea ho asɛm (30-38) Nea ɛyɛe a yebenyaa Moabfo ne Ammonfo (37, 38) 20 Ogyee Sara fii Abimelek nsam (1-18) 21 Isak awo ho asɛm (1-7) Ismael dii Isak ho fɛw (8, 9) Wɔpam Hagar ne Ismael (10-21) Abraham ne Abimelek yɛɛ apam (22-34) 22 Wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔre (1-19) Aman nyinaa nhyira gyina Abraham aseni so (15-18) Rebeka abusua (20-24) 23 Sara wu ne baabi a wosiee no (1-20) 24 Ɔkɔhwehwɛɛ ɔyere maa Isak (1-58) Ɔde Rebeka kɔmaa Isak (59-67) 25 Abraham san waree (1-6) Abraham wui (7-11) Ismael mma (12-18) Wɔwoo Yakob ne Esau (19-26) Esau tɔn ne panyin (27-34) 26 Isak ne Rebeka asetena wɔ Gerar (1-11) Onyankopɔn sii ne bɔhyɛ so dua kyerɛɛ Isak (3-5) Nsubura ho akasakasa (12-25) Isak ne Abimelek yɛɛ apam (26-33) Esau waree Hitifo mmea baanu (34, 35) 27 Isak hyiraa Yakob (1-29) Esau bae sɛ ɔrebɛpɛ nhyira nanso na onnuu ne ho (30-40) Esau benyaa Yakob ho tan (41-46) 28 Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔnkɔ Padan-Aram (1-9) Yakob soo dae wɔ Betel (10-22) Onyankopɔn sii ne bɔhyɛ so dua kyerɛɛ Yakob (13-15) 29 Yakob ne Rahel hyiae (1-14) Ná Yakob pɛ Rahel (15-20) Yakob waree Lea ne Rahel (21-29) Mma baanan a Yakob ne Lea woe ni: Ruben, Simeon, Lewi, ne Yuda (30-35) 30 Bilha woo Dan ne Naftali (1-8) Silpa woo Gad ne Aser (9-13) Lea woo Isakar ne Sebulon (14-21) Rahel woo Yosef (22-24) Yakob nyɛmmoa yɛɛ bebree (25-43) 31 Yakob wiaa ne ho sɛ ɔrekɔ Kaanan (1-18) Laban tiw Yakob kɔtoo no (19-35) Yakob ne Laban yɛɛ apam (36-55) 32 Abɔfo behyiaa Yakob (1, 2) Yakob yɛɛ ahoboa sɛ ɔrekohyia Esau (3-23) Yakob ne ɔbɔfo tentamee (224-32) Wɔsesaa Yakob din frɛɛ no Israel (28) 33 Yakob kohyiaa Esau (1-16) Yakob kɔɔ Sekem (17-20) 34 Obi too Dina mmonnaa (1-12) Yakob mma mmarima no daadaa kurom hɔfo (13-31) 35 Yakob ma wɔtow ananafo anyame no gui (1-4) Yakob san kɔɔ Betel (5-15) Wɔwoo Benyamin; Rahel wui (16-20) Israel mma mmarima 12 no (21-26) Isak wui (27-29) 36 Esau asefo (1-30) Edom ahemfo ne abusua mpanyimfo (31-43) 37 Yosef sosoo adae (1-11) Ná Yosef nuanom ani bere no (12-24) Wɔtɔn Yosef kɔɔ nkoasom mu (25-36) 38 Yuda ne Tamar (1-30) 39 Yosef kopuee Potifar fi (1-6) Yosef ampene so amma Potifar yere (7-20) Yosef kɔdaa afiase (21-23) 40 Yosef kyerɛɛ nneduafo dae ase (1-19) “Onyankopɔn na ɔkyerɛ dae ase” (8) Farao tow pon n’awoda (20-23) 41 Yosef kyerɛɛ Farao dae ase (1-36) Farao hyɛɛ Yosef anuonyam (37-46a) Yosef hwɛɛ aduan so (46b-57) 42 Yosef nuanom kɔɔ Egypt (1-4) Yosef ne ne nuanom hyiae, na ɔsɔɔ wɔn hwɛe (5-25) Ne nuanom san kɔɔ Yakob nkyɛn (26-38) 43 Yosef nuanom san kɔɔ Egypt bio; wɔne Benyamin (1-14) Yosef ne ne nuanom san hyiae (15-23) Yosef ne ne nuanom too nsa didii (24-34) 44 Wohuu Yosef dwetɛ kuruwa wɔ Benyamin kotoku mu (1-17) Yuda srɛ maa Benyamin (18-34) 45 Yosef daa ne ho adi (1-15) Yosef nuanom kɔfaa Yakob bae (16-28) 46 Yakob ne ne fifo tu kɔɔ Egypt (1-7) Wɔn a wotu kɔɔ Egypt no din (8-27) Yosef kohyiaa Yakob wɔ Gosen (28-34) 47 Yakob kɔɔ Farao nkyɛn (1-12) Yosef de nyansa totoo nneɛma yiye (13-26) Israel asefo tenaa Gosen (27-31) 48 Yakob hyiraa Yosef mma baanu no (1-12) Efraim nyaa nhyira pii (13-22) 49 Nkɔm a Yakob hyɛe ansa na ɔrewu (1-28) Silo befi Yuda mu aba (10) Yakob kyerɛɛ sɛnea wonsie no (29-32) Yakob wui (33) 50 Yosef siee Yakob wɔ Kaanan (1-14) Yosef maa ne nuanom hui sɛ ɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn (15-21) Yosef nsɛm a etwa to ne ne wu (22-26) Yosef kyerɛɛ nea wɔnyɛ ne nnompe (25)