Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ahene Mu Nsɛntitiriw 2 AHENE EMU NSƐNTITIRIW 1 Elia hyɛɛ nkɔm sɛ Ahasia bewu (1-18) 2 Wɔde Elia faa ahum mu kɔe (1-18) Odiyifo Elia ataade kodii Elisa hɔ (13, 14) Elisa saa Yeriko nsu no yare (19-22) Asisi kunkum mmarimaa a wofi Betel (23-25) 3 Israel hene Yehoram ahenni (1-3) Moab tew atua tiaa Israel (4-25) Wodii Moab so nkonim (26, 27) 4 Elisa maa okunafo bi ngo yɛɛ bebree (1-7) Sunemni bea bi daa ahɔhoyɛ adi (8-16) Ɔbea no woo ɔbabarima; abofra no wui (17-31) Elisa nyan abarimaa no (32-37) Elisa yɛ maa wotumi dii forɔe no (38-41) Elisa maa paanoo yɛɛ bebree (42-44) 5 Elisa saa Naaman kwata no (1-19) Gehasi adifudepɛ nti, kwata yɛɛ no (20-27) 6 Elisa maa akuma a ahɔn no bɛtɛn nsu ani (1-7) Elisa ne Siriafo de pem so (8-23) Elisa somfo no aniwa buei (16, 17) Siriafo no yɛe sɛ anifuraefo (18, 19) Wotwaa Samaria ho hyiae na ɔkɔm baa hɔ (24-33) 7 Elisa kae sɛ ɔkɔm no to betwa (1, 2) Wokopuee aduan pii so wɔ Siriafo asoɛe hɔ (3-15) Elisa nkɔmhyɛ no baa mu (16-20) 8 Wɔsan de Sunemni bea no asaase maa no (1-6) Elisa, Ben-Hadad, ne Hasael (7-15) Yuda hene Yehoram ahenni (16-24) Yuda hene Ahasia ahenni (25-29) 9 Wɔsraa Yehu sii no hene wɔ Israel so (1-13) Yehu kum Yehoram ne Ahasia (14-29) Wokum Yesebel; nkraman bedii ne nam (30-37) 10 Yehu kum Ahab fifo nyinaa (1-17) Yehonadab kɔkaa Yehu ho (15-17) Yehu kunkum Baal asomfo (18-27) Nea ɛkɔɔ so wɔ Yehu ahenni mu (28-36) 11 Atalia gyee ahenni no kɛntɛn so (1-3) Wowiaa wɔn ho sii Yehoas hene (4-12) Wokum Atalia (13-16) Yehoiada pagyaw Onyankopɔn som (17-21) 12 Yuda hene Yehoas ahenni (1-3) Yehoas siesiee asɔrefi no (4-16) Siriafo tuu wɔn ani sii Yuda so (17, 18) Wokum Yehoas (19-21) 13 Israel hene Yehoahas ahenni (1-9) Israel hene Yehoas ahenni (10-13) Elisa sɔɔ Yehoas hwɛe sɛ n’ani abere anaa (14-19) Elisa wui; ne nnompe nyan ɔbarima bi (20, 21) Elisa nkɔmhyɛ a etwa to baa mu (22-25) 14 Yuda hene Amasia ahenni (1-6) Ɔne Edom koe, na ɔne Israel koe (7-14) Israel hene Yehoas wui (15, 16) Amasia wui (17-22) Israel hene Yeroboam a ɔto so 2 (23-29) 15 Yuda hene Asaria ahenni (1-7) Israel ahemfo a wotwa to: Sakaria (8-12), Salum (13-16), Menahem (17-22), Pekahia (23-26), Peka (27-31) Yuda hene Yotam ahenni (32-38) 16 Yuda hene Ahas ahenni (1-6) Ahas kotuaa adanmude maa Asiriafo (7-9) Ahas hwɛɛ abosonsomfo afɔremuka so yɛɛ bi (10-18) Ahas wui (19, 20) 17 Israel hene Hosea ahenni (1-4) Israel ahenni baa awiei (5, 6) Israelfo som anyame foforo, enti wotuu wɔn fii wɔn asaase so (7-23) Wɔde ahɔho bɛtenatenaa Samaria nkurow mu (24-26) Samariafo som bɛyɛɛ afrafra som (27-41) 18 Yuda hene Hesekia ahenni (1-8) Sɛnea Israel ahenni no baa awiei (9-12) Senaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so (13-18) Rabsake buu Yehowa animtiaa (19-37) 19 Hesekia soma kɔɔ Yesaia hɔ kobisaa Onyankopɔn hɔ mmoa (1-7) Senaherib hunahunaa Yerusalemfo (8-13) Hesekia mpaebɔ (14-19) Onyankopɔn nam Yesaia so maa no mmuae (20-34) Ɔbɔfo baako kunkum Asiriafo 185,000 (35-37) 20 Hesekia yaree na ne ho tɔɔ no (1-11) Nkurɔfo fii Babilon bɛsraa no (12-19) Hesekia wui (20, 21) 21 Yuda hene Manase ahenni; ohwiee mogya gui (1-18) Wɔhyɛɛ Yerusalem sɛe ho nkɔm (12-15) Yuda hene Amon ahenni 19-26) 22 Yuda hene Yosia ahenni (1, 2) Wɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wonsiesie asɔrefi no (3-7) Wokohuu Mmara nhoma no (8-13) Hulda hyɛɛ mmusu ho nkɔm (14-20) 23 Yosia pagyaw Onyankopɔn som (1-20) Wodii Twam (21-23) Nneɛma foforo a Yosia de totoo yiye (24-27) Yosia wui (28-30) Yuda hene Yehoahas ahenni (31-33) Yuda hene Yehoiakim ahenni (34-37) 24 Yehoiakim tew atua, na owui (1-7) Yuda hene Yehoiakin ahenni (8, 9) Wodii kan soaa ebinom kɔɔ Babilon (10-17) Yuda hene Sedekia ahenni; n’atuatew (18-20) 25 Nebukadnesar betwaa Yerusalem ho hyiae (1-7) Wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefi; wɔsan tuu ebinom ase kɔe (8-21) Wɔyɛɛ Gedalia amrado (22-24) Wokum Gedalia; woguan kɔɔ Egypt (25, 26) Woyii Yehoiakin fii afiase wɔ Babilon (27-30)