Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Hiob Mu Nsɛntitiriw HIOB EMU NSƐNTITIRIW 1 Ná Hiob ho nni asɛm, na na ɔwɔ agyapade (1-5) Satan kae sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Onyankopɔn (6-12) Hiob agyapade sɛee, na ne mma wuwui (13-19) Hiob ammɔ Onyankopɔn sobo (20-22) 2 Satan san kae sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Yehowa (1-5) Yehowa maa Satan kwan sɛ obetumi de ne nsa aka Hiob nipadua (6-8) Hiob yere kae sɛ: “Dome Onyankopɔn na wu!” (9, 10) Hiob nnamfo baasa baa ne nkyɛn (11-13) 3 Hiob kae sɛ onyae a anka wɔanwo no (1-26) Obisaa nea enti a ɔrehu amane (20, 21) 4 Elifas asɛm a edi kan (1-21) Ɔserew Hiob wɔ ne nokwaredi ho (7, 8) Ɔkaa asɛm a honhom bi ka kyerɛɛ no kyerɛɛ Hiob (12-17) ‘Onyankopɔn nni gyidi biara wɔ n’asomfo mu’ (18) 5 Elifas asɛm a edi kan no ntoaso (1-27) ‘Afiri a anyansafo de wɔn anitew asum no, Onyankopɔn ma eyi wɔn ankasa’ (13) ‘Ɛsɛ sɛ Hiob hwɛ na wampo Onyankopɔn nteɛso’ (17) 6 Hiob anoyi (1-30) Ɔkae sɛ, ne su a ɔresu no, ntease wom (2-6) N’awerɛkyekyefo no yɛ nnaadaafo (15-18) “Asɛm a ɛyɛ nokware de, ɛnyɛ yaw!” (25) 7 Hiob anoyi no ntoaso (1-21) Nnipa asetena te sɛ nkoasom (1, 2) “Adɛn nti na woatu w’ani asi me so?” (20) 8 Bildad asɛm a edi kan (1-22) Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob mma no ayɛ bɔne (4) ‘Sɛ woyɛ obi a wo ho tew a, anka Onyankopɔn bɛbɔ wo ho ban’ (6) Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefo (13) 9 Hiob anoyi (1-35) Onipa dasani rentumi ne Onyankopɔn ntwe manso (2-4) ‘Onyankopɔn yɛ nneɛma a ɛboro yɛn ntease so’ (10) Obiara nni hɔ a obetumi ne Onyankopɔn ayiyi nsɛm ano (32) 10 Hiob anoyi no ntoaso (1-22) ‘Adɛn nti na Onyankopɔn ne me redi?’ (2) Onyankopɔn nte sɛ onipa Hiob (4-12) ‘Ɔmma me ho ntɔ me kakra’ (20) 11 Sofar asɛm a edi kan (1-20) Ɔkae sɛ Hiob ka kasa hunu (2, 3) Ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ onnyae bɔne (14) 12 Hiob anoyi (1-25) “Monkyɛn me” (3) “Me ho ayɛ serew” (4) ‘Onyankopɔn na nyansa wɔ no’ (13) Onyankopɔn korɔn kyɛn atemmufo ne ahemfo (17, 18) 13 Hiob anoyi no ntoaso (1-28) ‘Mepɛ sɛ me ne Onyankopɔn kasa’ (3) “Moyɛ ayaresafo hunu” (4) “Minim sɛ midi bem” (18) Obisaa nea enti a Onyankopɔn bu no sɛ ɔtamfo (24) 14 Hiob anoyi no ntoaso (1-22) Onipa nkwa nna yɛ tiaa, na ɔhaw ahyɛ mu ma (1) “Dua mpo, anidaso wɔ hɔ ma no” (7) ‘O, minyae a anka wode me asie Ɔdamoa mu!’ (13) “Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?” (14) Onyankopɔn ani begyina ne nsa ano adwuma (15) 15 Elifas asɛm a ɛto so abien (1-35) Ɔkae sɛ Hiob de Onyankopɔn suro ato nkyɛn (4) Ɔkae sɛ Hiob yɛ aniammɔnho (7-9) ‘Onyankopɔn nnye n’akronkronfo nni’ (15) ‘Abɔnefo na ehu amane’ (20-24) 16 Hiob anoyi (1-22) “Mo nyinaa moyɛ gyamserefo!” (2) Ɔkae sɛ Onyankopɔn atu n’ani asi no so (12) 17 Hiob anoyi no ntoaso (1-16) “Afɛwdifo atwa me ho ahyia” (2) “Wama mayɛ animguase nipa” (6) “Ɔdamoa na ɛbɛyɛ me fi” (13) 18 Bildad asɛm a ɛto so abien (1-21) Ɔkaa nea ɛbɛto abɔnefo (5-20) Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob nnim Onyankopɔn (21) 19 Hiob anoyi (1-29) Ɔkae sɛ, twiw a ne “nnamfo” no retwiw n’anim no, onnye ntom (1-6) Ɔkae sɛ obiara agyaw no hɔ (13-19) “Me gyefo te ase” (25) 20 Sofar asɛm a ɛto so abien (1-29) Ɔte nka sɛ Hiob adidi no atɛm (2, 3) Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefo (5) Ɔkae sɛ bɔne yɛ Hiob dɛ (12, 13) 21 Hiob anoyi (1-34) ‘Adɛn nti na abɔnefo di yiye?’ (7-13) Ɔmaa obiara huu sɛnea “n’awerɛkyekyefo” no te (27-34) 22 Elifas asɛm a ɛto so abiɛsa (1-30) ‘Onipa so betumi aba mfaso ama Onyankopɔn anaa?’ (2, 3) Ɔbɔɔ Hiob sobo sɛ ɔyɛ odifudepɛfo a osisi nkurɔfo (6-9) ‘San bra Onyankopɔn nkyɛn, na wobɛsan asi wo dedaw mu’ (23) 23 Hiob anoyi (1-17) Ɔpɛ sɛ ɔka n’asɛm wɔ Onyankopɔn anim (1-7) Ɔkae sɛ onhu Onyankopɔn (8, 9) ‘Mefaa ne kwan so, na mamman amfi ho’ (11) 24 Hiob anoyi no ntoaso (1-25) ‘Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛɛ bere ntoo hɔ?’ (1) Ɔkae sɛ Onyankopɔn pene nsɛmmɔnedi so (12) Abɔnefo pɛ sum (13-17) 25 Bildad asɛm a ɛto so abiɛsa (1-6) ‘Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ayɛ ɔtreneeni wɔ Onyankopɔn anim?’ (4) Ɔkae sɛ onipa di nokware a, mfaso biara nni so (5, 6) 26 Hiob anoyi (1-14) “Aa! Woaboa nea onni tumi ampa!” (1-4) ‘Onyankopɔn de asaase asɛn hɔ a biribiara nkura mu’ (7) ‘Onyankopɔn nnwuma a wayɛ no, emu nketewa ni’ (14) 27 Hiob asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so abɔ bra a edi mu (1-23) “Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu” (5) Abɔnefo nni anidaso (8) “Adɛn nti na aba biara nni mo nsɛm mu yi?” (12) Biribiara renka mma abɔnefo (13-23) 28 Hiob de asaase mu agude toto nyansa ho (1-28) Nea onipa yɛ de tu asaase mu agude (1-11) Nyansa som bo sen nhene (18) Yehowa suro, ɛno paa ne nyansa (28) 29 Hiob kaee nna a odii dɛw ansa na n’amanehunu no reba no (1-25) Ná obiara bu no wɔ kurow pon no ano (7-10) Ná n’atɛntrenee te sɛ ataade (11-17) Obiara tiee n’afotu (21-23) 30 Hiob kaa sɛnea n’asetena asesa (1-31) Nnipa hunu serew no (1-15) Ná ɛyɛ no sɛ n’asɛm mfa Onyankopɔn ho (220, 21) “Me were ayɛ tumm” (30) 31 Hiob kae sɛ asɛm biara nni ne ho (1-40) “Me ne m’ani ayɛ apam” (1) Ɔkae sɛ Onyankopɔn nkari no nsenia mu (6) Ɔkae sɛ ɔnyɛ ɔwaresɛefo (9-12) Ɔkae sɛ ɔnyɛ sikanibere (24, 25) NƆkae sɛ ɔnyɛ ɔbosonsonni (26-28) 32 Aberante Elihu de n’ano too asɛm no mu (1-22) Ne bo fuw Hiob ne Hiob nnamfo no (2, 3) Ɔde obu twɛnee ansa na ɔrekasa (6, 7) Ɛnyɛ mfe nko ara na ɛma nyansa (9) Elihu repɛ ntɛm akasa (18-20) 33 Hiob buu ne ho sɛ ɔteɛ, enti Elihu kaa n’anim (1-33) Manya agyede (24) Ɔbɛsan anya ne mmabunbere mu ahoɔden no bio (25) 34 Elihu kae sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee, na n’akwan teɛ (1-37) Hiob kae sɛ Onyankopɔn abu no atɛnkyea (5) Nokware Nyankopɔn no rentumi nyɛ bɔne da (10) Hiob nni nimdeɛ (35) 35 Elihu maa Hiob hui sɛ nea ɔreka no nyɛ nokware (1-16) Hiob kae sɛ ɔteɛ sen Onyankopɔn (2) Onyankopɔn wɔ sorosoro; woyɛ bɔne a ɛnka no (5, 6) Ɛsɛ sɛ Hiob twɛn Onyankopɔn (14) 36 Elihu kae sɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ kɛse no, yɛrentumi nhwehwɛ mu (1-33) Wɔn a wɔyɛ osetie no, esi wɔn yiye; ɔpo abɔnefo (11-13) ‘Ɔkyerɛkyerɛfo bɛn na ɔte sɛ Onyankopɔn?’ (22) Ɛsɛ sɛ Hiob kamfo Onyankopɔn (24) “Sɛnea Onyankopɔn yɛ kɛse no, ɛboro yɛn ntease so” (26) Onyankopɔn wɔ osu a ɛtɔ ne anyinam so tumi (27-33) 37 Osutɔ, anyinam, aprannaa nyinaa ma yehu sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse (1-24) Onyankopɔn betumi ama nnipa agyae adwuma a wɔyɛ (7) “Dwinnwen Onyankopɔn anwonwadwuma ho” (14) Sɛnea Onyankopɔn te no, ɛyɛ den sɛ nnipa bɛte ase (23) Ɛnsɛ sɛ onipa biara dwen sɛ onim nyansa (24) 38 Yehowa kaa nsɛm bi a ɛma yehu sɛ nnipa sua koraa (1-41) ‘Bere a merebɔ asaase no, na wowɔ he?’ (4-6) Onyankopɔn mma bɔɔ ose (7) Obisaa no nneɛma bi te sɛ aprannaa, anyinam ne omununkum ho asɛm (7) “Mmara a ɛyɛ adwuma wɔ wim” (33) 39 Mmoa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no ma yehu sɛ nnipa nnim hwee (1-30) Abotan so mpɔnkye ne ɔwansan (1-4) Sare so afurum (5-8) Ɛkoɔ (9-12) Sohori (13-18) Ɔpɔnkɔ (19-25) Akorɔma ne ɔkɔre (26-30) 40 Yehowa bisaa no nsɛm foforo (1-24) Hiob gye toom sɛ onni hwee ka (3-5) “Wubetumi anya asɛm aka wɔ m’atɛntrenee ho anaa?” (8) Onyankopɔn kaa sɛnea Behemot wɔ ahoɔden (15-24) 41 Onyankopɔn kaa Lewiatan a ne ho yɛ nwonwa no ho asɛm (1-34) 42 Hiob anoyi a ɔde maa Yehowa (1-6) Obuu ne nnamfo baasa no fɔ (7-9) Yehowa ma esii Hiob yiye bio (10-17) Hiob mma mmea ne ne mma mmarima (13-15)