Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Mmebusɛm Mu Nsɛntitiriw MMEBUSƐM EMU NSƐNTITIRIW 1 Nea enti a wɔkyerɛw mmebusɛm no (1-7) Asiane a ɛwɔ fekubɔne mu (8-19) Nyansa teɛm wɔ mmorɔn so (20-33) 2 Nyansa so mfaso (1-22) Hwehwɛ nyansa te sɛ biribi a ɛsom bo a wɔde asie (4) Nyansa bɛbɔ wo ho ban (11) Aguamammɔ de amanehunu ba (16-19) 3 Yɛ onyansafo, na fa wo ho to Yehowa so (1-12) Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam (9) Nyansa ma yɛn ani gye (13-18) Nyansa bɔ yɛn ho ban (19-26) Sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne nnipa tena (27-35) Bere biara a wubetumi no, yɛ nkurɔfo papa (27) 4 Agya bi akwankyerɛ pa (1-27) Hwehwɛ nyansa sen biribi foforo biara (7) Twe wo ho fi abɔnefo kwan so (14, 15) Atreneefo kwan hyerɛn nkakrankakra (18) “Bɔ wo koma ho ban” (23) 5 Hwɛ yiye wɔ mmea a wɔn bra asɛe ho (1-14) Wo ne wo yere ani nnye (15-23) 6 Nni wo yɔnko anim mma onnkogye bosea (1-5) “Ɔkwadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn” (6-11) Onipahunu ne onipabɔnefo (12-15) Nneɛma ason a Yehowa kyi (16-19) Hwɛ wo ho yiye wɔ ɔbea bɔne ho (20-35) 7 Di Onyankopɔn mmara so na nya nkwa (1-5) Aberante gyimifo bi; ɔbea bi de n’ano dɛdɛɛdɛ nyaa no (6-27) ‘Ɔte sɛ nantwi a wɔrekokum no’ (22) 8 Nyansa kasa te sɛ onipa (1-36) ‘Onyankopɔn bɔɔ me de fii n’adwuma ase’ (22) ‘Ná mewɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ odwumayɛni a onim adwuma paa’ (30) “Nnipa mma na na wɔda me koma so” (31) 9 Nyansa to nsa frɛ nkurɔfo (1-12) “Me na mɛma wo nna ayɛ bebree” (11) Ɔbea kwasea to nsa frɛ nkurɔfo (13-18) “Nsu a wɔawia yɛ dɛ” (17) SOLOMON MMEBUSƐM (10:1–24:34) 10 Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye (1) Mmɔdenbɔfo nsa de ahonyade na ɛba (4) Mfomso mpa kasa dodow mu (19) Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo (22) Yehowa suro ma nkwa tenten (27) 11 Nyansa ne ahobrɛasefo na ɛte (2) Ɔwaefo sɛe nkurɔfo (9) “Afotufo dodow na ɛma nneɛma kɔ yiye” (14) Onipa a ne yam ye no, ebesi no yiye (25) Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no, ɔbɛhwe ase (28) 12 Nea ɔtan ɔkasakyerɛ no nni adwene (1) “Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi” (18) Wɔn a wɔhyɛ asomdwoe ho nkuran ani gye (20) Ano a ɛnka nokware yɛ Yehowa akyiwade (22) Onipa komam dadwen ma ne koma botow (25) 13 Wɔn a wɔhwehwɛ afotu no nim nyansa (10) Anidaso a ɛmma mu ntɛm no, ɛma koma yare (12) Obi a wɔasoma no a odi nokware de ayaresa ba (17) Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo (20) Nteɛso kyerɛ ɔdɔ (24) 14 Koma na enim n’awerɛhow (10) Ɔkwan a ɛteɛ onipa ani so tumi kowie owu mu (12) Ogyimifo gye asɛm biara di (15) Osikani nnamfo dɔɔso (20) Koma a edwo ma nipadua nya nkwa (30) 15 Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa (1) Yehowa ani wɔ baabiara (3) Onyankopɔn ani gye atreneefo mpaebɔ ho (8) Sɛ adwentoatoa nni hɔ a, nhyehyɛe nyɛ yiye (22) Dwen ansa na woama mmuae (28) 16 Yehowa hwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu (2) Fa wo nnwuma hyɛ Yehowa nsa (3) Nsenia a edi mu fi Yehowa hɔ (11) Ahantan di ɔsɛe anim (18) Eti so dwen yɛ ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ (31) 17 Mfa bɔne ntua papa so ka (13) Akasakasa nnya mfii ase no, twa so kɔ (14) Adamfo pa kyerɛ ne dɔ bere nyinaa (17) “Anigye koma yɛ aduru papa” (22) Onipa a ɔwɔ nhumu hwɛ ne nsɛm yiye (27) 18 Obiara a ɔtew ne ho no, nea ɔno ara pɛ na odi akyi, na onnim nyansa (1) Yehowa din yɛ abannennen (10) Ahonyade yɛ ahobammɔ wɔ nnipa ani so (11) Eye sɛ wubetie afanu nyinaa (17) Adamfo bi wɔ hɔ a, ɔntwe ne ho da; ɔkyɛn onua mpo (24) 19 Onipa nhumu ma ɔtwentwɛn n’abufuw ase (11) Ɔyere a ɔpɛ ntɔkwaw te sɛ ɔdan a enwini (13) Ɔyere badwemma fi Yehowa (14) Bere a anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba (18) Nyansa wom sɛ wubetie afotu (20) 20 Nsã yɛ ɔfɛwdifo (1) Ɔkwadwofo mfuntum asaase awɔwbere (4) Onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ (5) Hwɛ yiye na woampere wo ho anka ntam (25) Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden (29) 21 Yehowa dan ɔhene koma kɔ baabiara a ɔpɛ (1) Nea ɛteɛ ye sen afɔrebɔ (3) Nea ɔyɛ nsi no, ebewie no yiye (5) Nea ontie mmɔborɔwafo su no, ɔno nso wɔrentie no (13) Nyansa biara nni hɔ a ebetumi ne Yehowa adi asi (30) 22 Din pa ye sen ahonyade pii (1) Kyerɛkyerɛ abofra fi ne mmofraase; onyin a, ɔremfi ho (6) Ɔkwadwofo suro sɛ gyata wɔ abɔnten (13) Nteɛso yi agyimisɛm fi hɔ (15) Onipa a n’adwuma ho twa no, ahemfo na ɔbɛsom wɔn (29) 23 Obi to nsa frɛ wo a, dwen ho yiye (2) Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade (4) Ahonyade betumi atu akɔ (5) Nkɔka wɔn a wɔnom nsã pii ho (20) Nsã ka te sɛ ɔwɔ (32) 24 Mma w’ani mmmere abɔnefo (1) Nyansa na wɔde si fie (3) Ɔtreneeni bɛhwe ase, nanso ɔbɛsɔre (16) Mfa bɔne ntua bɔne ka (29) Nkotɔ ne ohia na ɛnam (33, 34) SOLOMON MMEBUSƐM A ƆHENE HESEKIA MMARIMA KYERƐWEE (25:1–29:27) 25 Kokoam nsɛm (9) Nsɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu (11) Ntaa nkɔ wo yɔnko fie (17) Boaboa nnyansramma ano gu wo tamfo apampam (21, 22) Amanneɛbɔ pa te sɛ nsuonwini (25) 26 Akwadwofo suban (13-16) Mfa w’ano nto obi ntɔkwaw mu (17) Mfa nneɛma bi nni agoru (18, 19) Anyina nni hɔ a, ogya dum (20, 21) Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ne nsɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ (22) 27 Adamfo kasakyerɛ de mfaso ba (5, 6) Me ba, ma me koma ntɔ me yam (11) Dade sew dade ano (17) Hu wo nguan (23) Ahonyade rentena hɔ daa (24) 28 Nea ontie mmara no, ne mpaebɔ yɛ akyiwade (9) Nea ɔka ne mmarato no, wobehu no mmɔbɔ (13) Nea ɔrepɛ ntɛm anya ne ho no, ɔremfa ne ho nni (20) Ɔkasakyerɛ ye sen adɛfɛdɛfɛ (23) Nea oyi ne yam kyɛ ade no, hwee renhia no (27) 29 Abofra a wogyaa no ma ɔyɛ nea ɔpɛ no, ɔde animguase ba (15) Anisoadehu nni hɔ a, ɔmanfo yɛ nea wɔpɛ (18) Onipa a ne bo afuw ma ntɔkwaw ba (22) Onipa a ɔbrɛ ne ho ase no, obenya anuonyam (23) Onipa ho suro yɛ afiri (25) 30 AGUR NSƐM (1-33) Mma me ohia anaa ahonyade (8) Nneɛma a ɛmmee da (15, 16) Nneɛma a wunhu akyi kwan (18, 19) Ɔbea waresɛefo (20) Mmoa a wɔde nyansa ahyɛ wɔn mu (24) 31 ƆHENE LEMUEL NSƐM (1-31) Ɔyere pa, hena na obenya? (10) Ɔpɛ adwuma, na ɔyɛ adwumaden (17) Ayamye wɔ ne tɛkrɛma so (26) Ne mma ne ne kunu yi no ayɛ (28) Ahoɔfɛ twam ntɛm (30)