Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Kwadwom Mu Nsɛntitiriw KWADWOM (AWERƐHOW DWOM) EMU NSƐNTITIRIW 1 Wɔkaa Yerusalem ho asɛm sɛ okunafo Wɔagyaw no hɔ; aka ɔno nko ara te hɔ (1) Bɔne akɛse a Sion ayɛ (8, 9) Onyankopɔn apo Sion (12-15) Obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye Sion werɛ (17) 2 Yehowa abufuw a ɛbaa Yerusalem so Wanhu no mmɔbɔ (2) Yehowa ayɛ sɛ ne tamfo (5) Sion nti, ɔtew nisu (11-13) Wɔn a wotwam no di kurow a na ɛyɛ fɛ no ho fɛw (15) Sion atamfo di n’ahwease ho ahurusi (17) 3 Yeremia kaa sɛnea ɔte nka ne anidaso a ɔwɔ “Mede ntoboase bɛtwɛn” (21) Onyankopɔn mmɔborɔhunu yɛ foforo anɔpa biara (22, 23) Onyankopɔn ye ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn anidaso (25) Eye sɛ mmabun bɛsoa kɔndua (27) Onyankopɔn de omununkum siw ɔkwan a ɛkɔ ne nkyɛn (43, 44) 4 Yerusalemfo a wɔkaa wɔn hyɛɛ mu no, ɔhaw a ɛde bae Ɔkɔm (4, 5, 9) Mmea noaa wɔn ankasa mma (10) Yehowa hwiee n’abufuw gui (11) 5 Nkurɔfo no bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn nsan nnye wɔn ‘Kae nea ato yɛn’ (1) ‘Asɛm ato yɛn; yɛayɛ bɔne’ (16) ‘San fa yɛn bra, O Yehowa (21) “Ma yɛn nna nyɛ foforo” (21)