Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Hosea Mu Nsɛntitiriw HOSEA EMU NSƐNTITIRIW 1 Hosea yere ne mma a ne yere no woo wɔn (1-9) Yesreel (4), Lo-Ruhama (6), ne Lo-Ami (9) Wobefi asaase no so aba na wɔaka abom ayɛ baako (10, 11) 2 Israelfo fii Onyankopɔn akyi; ɔtwee wɔn aso (1-13) Yehowa bɛsan abɛyɛ wɔn kunu (14-23) “Wobɛfrɛ me ‘Me kunu’” (16) 3 Hosea san kogyee ne yere a ɔsɛee aware no (1-3) Israel bɛsan aba Yehowa nkyɛn (4, 5) 4 Yehowa ne Israelfo anya asɛm (1-8) Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asaase no so (1) Israel abosonsom ne n’aguamammɔ (9-19) Aguaman honhom ama wɔayera (12) 5 Wobebu Efraim ne Yuda atɛn (1-15) 6 Mommra mma yɛnsan nkɔ Yehowa nkyɛn (1-3) Ɔdɔ a enni huammɔ a ɔman no wɔ no, ankyɛ (4-6) Ɔdɔ a enni huammɔ ye sen afɔrebɔ (6) Ɔman no yɛɛ nneɛma a ɛyɛ aniwu (7-11) 7 Efraim amumɔyɛ (1-16) Wɔrentumi nguan Onyankopɔn atena (12) 8 Wotwaa wɔn abosonsom so aba (1-14) Woduaa mframa, na wotwaa ahum (7) Israel werɛ fii ne Yɛfo (14) 9 Efraim bɔne nti Onyankopɔn poo no (1-17) Wohyiraa wɔn ho so maa aniwude nyame no (10) 10 Israel yɛ bobe a ɛresɛe; wɔbɛsɛe no (1-15) Woduae na wotwae (12, 13) 11 Bere a Israel yɛ abarimaa koraa na Onyankopɔn dɔɔ no (1-12) “Egypt na mefrɛɛ me ba fii” (1) 12 Ɛsɛ sɛ Efraim san ba Yehowa nkyɛn (1-14) Yakob ne Onyankopɔn peree so (3) Yakob su hwehwɛɛ Onyankopɔn nhyira (4) 13 Ɔwaresɛefo Efraim werɛ fii Yehowa (1-16) “Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?” (14) 14 Wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra Yehowa nkyɛn (1-3) Yɛde yɛn ano beyi wo ayɛ (2) Mɛsa Israel yare, na ɔremfi m’akyi bio (4-9)