Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Atemmufo Mu Nsɛntitiriw ATEMMUFO (AKANNIFO) EMU NSƐNTITIRIW 1 Yuda ne Simeon nkonimdi (1-20) Yebusifo kɔɔ so tenaa Yerusalem (21) Yosef ko faa Betel (22-26) Wɔantu Kaananfo no nyinaa (27-36) 2 Yehowa bɔfo bɔɔ wɔn kɔkɔ (1-5) Yosua wui (6-10) Wɔmaa Israelfo atemmufo a wobegye wɔn (11-23) 3 Yehowa sɔɔ Israelfo hwɛe (1-6) Otniel, ɔtemmufo a odi kan (7-11) Ɔtemmufo Ehud kum Ɔhene Eglon a na ɔso paa no (12-30) Ɔtemmufo Samgar (31) 4 Kaananfo hene Yabin teetee Israelfo (1-3) Odiyifobea Debora ne Ɔtemmufo Barak (4-16) Yael kum ɔsahene Sisera (17-24) 5 Debora ne Barak nkonimdi dwom (1-31) Nsoromma ne Sisera koe (20) Kison nsu yirii (21) Wɔn a wɔdɔ Yehowa no te sɛ owia (31) 6 Midianfo teetee Israelfo (1-10) Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Ɔtemmufo Gideon sɛ Yehowa ka ne ho (11-24) Gideon bubuu Baal afɔremuka (25-32) Onyankopɔn honhom baa Gideon so (33-35) Ɔde oguan nwi hwɛe sɛ Onyankopɔn ka ne ho anaa (36-40) 7 Gideon ne ne mmarima 300 no (1-8) Gideon asraafo dii Midianfo so nkonim (9-25) “Yehowa sekan ne Gideon sekan!” (20) Asraafo a wɔwɔ Midianfo asoɛe no adwene tu frae (21, 22) 8 Efraimfo ne Gideon hamee (1-3) Wɔtaa Midian ahemfo kunkum wɔn (4-21) Gideon ampene so amma wɔanyɛ no ɔhene (22-27) Gideon asetena mu nsɛm (28-35) 9 Abimelek bɛyɛɛ ɔhene wɔ Sekem (1-6) Yotam akasabebu (7-21) Abimelek dii ade atirimɔden so (22-33) Abimelek kɔtow hyɛɛ Sekem so (34-49) Ɔbea bi piraa Abimelek; owui (50-57) 10 Ɔtemmufo Tola ne Ɔtemmufo Yair (1-5) Israel tew atua, na wonuu wɔn ho (6-16) Ammonfo hunahunaa Israelfo (17, 18) 11 Wɔpam Ɔtemmufo Yefta; akyiri yi, wɔde no yɛɛ wɔn so panyin (1-11) Yefta ne Ammonfo kasae (12-28) Yefta bɔhyɛ ne ne babea (29-40) Yefta babea no dii sigya (38-40) 12 Yefta ne Efraimfo koe (1-7) Shibolet ne Sibolet (6) Ɔtemmufo Ibsan; Ɔtemmufo Elon; Ɔtemmufo Abdon (8-15) 13 Ɔbɔfo bi kɔɔ Manoa ne ne yere nkyɛn (1-23) Wɔwoo Samson (24, 25) 14 Ɔtemmufo Samson kɔpɛɛ yere wɔ Filistifo mu (1-4) Yehowa honhom maa Samson nyaa ahoɔden de kum gyata (5-9) Samson akasabebu wɔ ayeforo no ase (10-19) Wɔde Samson yere maa ɔbarima foforo (20) 15 Samson tuaa Filistifo no so ka (1-20) 16 Samson kɔɔ Gasa (1-3) Samson ne Delila (4-22) Samson tuaa Filistifo no so ka; owui (23-31) 17 Mika ahoni ne ne sɔfo (1-13) 18 Danfo kɔhwehwɛɛ asaase (1-31) Wɔfaa Mika ahoni ne ne sɔfo no kɔe (14-20) Wɔko faa Lais, na wɔtoo hɔ din Dan (27-29) Danfo som bosom (30, 31) 19 Benyaminfo too ɔbea bi mmonnaa wɔ Gibea (1-30) 20 Wɔne Benyaminfo koe (1-48) 21 Wogyee Benyaminfo, na wɔn abusuakuw no ase anhyew (1-25)