Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bi12 kr. 5
  • Nnianim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnianim
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Nnianim

Nnianim

KYERƐW Kronkron Bible no yɛ adiyi nsɛm a Awurade Tumfoɔ Yehowa ama wɔakyerɛw ama asase so nnipa nyinaa. Wogye nhoma a efi Onyankopɔn hɔ yi tom wɔ wiase nyinaa, efisɛ ɛka Onyankopɔn Ahenni a ɛde asomdwoe ne trenee bɛba no ho asɛmpa. Asase bɛdan paradise ama nnipa nyinaa. Bible no ma ɛda adi sɛ ɔdɔ na ɛkaa Onyankopɔn ma ɔfaa ne Ba Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so gyee adesamma abɔnefo fii owu mu.—Yohane 3:16.

Wodii kan kyerɛw Bible no wɔ Hebri ne Aram kasa (a ɛne Hebri kasa di nsɛ), ne Hela kasa mu. Nanso nnipa kakraa bi pɛ na wɔte kasa yi nnɛ, enti ɛho abehia sɛ wɔkyerɛ Kyerɛw Kronkron Bible no ase kɔ kasa a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu na ama nnipa a wofi aman nyinaa mu ate nkwa nsɛm a ɛwom no.

Wɔkyerɛɛ Akuapem Twi de yi ase fii Engiresi Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔyɛe wɔ 1984 mu no mu. Ɛyɛ Hebri ne Aram Kyerɛwnsɛm mu nhoma 39 ne Twi kasa mu Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu nhoma 27 a wotintimii wɔ 2004 mu a wɔayɛ no foforo. Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Kuw no sii gyinae sɛ wɔremfrɛ Kyerɛw Kronkron afã abien yi “Apam Foforo” ne “Apam Dedaw,” na mmom wɔde edin no begyina kasa a wodii kan de kyerɛwee no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Bible no yɛ nhoma biako a ne fã biara ntwaam anaasɛ ɛnyɛɛ “Dedaw.” Efi Hebri nhoma a edi kan so kosi Hela nhoma a etwa to so no, nsɛm no nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ. Nea ɛbɛyɛ na ɔkenkanfo no anya Bible mũ no sua so mfaso no, yɛatwe adwene asi kyerɛw nsɛm foforo bɛboro 125,000 so, na yɛde Bible mu nsɛm a wɔahyehyɛ nso aka ho.

Esiane sɛ Bible no ka Awurade Tumfoɔ no apɛde kronkron ho asɛm nti, sɛ yeyi Onyankopɔn din kronkron a ɛda nsow na epue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Hebri kyerɛw nsɛm mu no fi mu, anaa yɛkata so a, na yɛammu no sɛ otumfoɔ ne opumpuni a ɔsɛ nidi. Enti ade a ɛda nsow kɛse wɔ saa nkyerɛase yi ho ne sɛ, ɛde Onyankopɔn din ahyehyɛ faako a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔ Bible kyerɛw nsɛm no mu. Nea wɔayɛ ne sɛ wɔde sɛnea wɔbɔ edin no wɔ Twi mu a ɛne “Yehowa” no ahyehyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu mpɛn 6,973 ne mpɛn 237 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ wopɛ sɛ wusua eyi ho ade a, hwɛ Nkekaho no.

Wɔn a wɔkyerɛɛ Bible yi ase a wɔdɔ Kyerɛw Kronkron no Kyerɛwfo a ɔwɔ Soro no hu sɛ wɔwɔ asɛde soronko wɔ n’anim sɛ wɔkyerɛ ne nsusuwii ne ne nsɛm ase pɛpɛɛpɛ sɛnea wobetumi biara. Na wɔsan te nka sɛ akenkanfo a wɔrepɛ biribi ahu a wohia Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Asɛm a efi honhom mu a wɔakyerɛ ase na ama wɔanya daa nkwa no ho asɛde da wɔn so. Yɛwɔ awerɛhyem koraa sɛ saa nkyerɛase yi bɛboa akenkanfo ma wɔahu ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu wɔ ade nyinaa so Tumfoɔ no wiase foforo a trenee te mu no mu.—Yesaia 65:17; 2 Petro 3:13.

Wɔn a Wɔyɛe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena