Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Yona 1:1-4:11
  • Yona

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yona
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Yona

YONA

1 Yehowa ka kyerɛɛ Amitai ba Yona*+ sɛ: 2 “Sɔre kɔ Niniwe+ kuropɔn no mu, na ka atemmusɛm kyerɛ kurom hɔfo, efisɛ wɔn amumɔyɛ abedu m’anim.”

3 Nanso Yona guan fii Yehowa anim de n’ani kyerɛɛ Tarsis, na osian kɔɔ Yopa, na ohuu po so hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis. Enti otuaa ka foro kɔtenaa mu sɛ ɔreguan Yehowa na ɔne wɔn akɔ Tarsis.

4 Na Yehowa maa mframa kɛse bi bɔ faa po no so, na ahum kɛse bi tui, na hyɛn no yɛe sɛ ɛrebɛbɔ. 5 Ná hyɛn no mu adwumayɛfo suro paa, enti obiara su frɛɛ ne nyame sɛ ɔmmoa no. Na wofii ase yiyii nneɛma a ɛwɔ hyɛn no mu tow guu po no mu sɛnea emu bɛyɛ hare.+ Nanso Yona de, na wasian akɔhyɛ hyɛn* no ase baabi ada hatee. 6 Ɛnna hyɛn no mu panyin kɔɔ ne nkyɛn kobisaa no sɛ: “Adɛn nti na woada? Sɔre frɛ wo nyame ɛ! Ebia nokware Nyankopɔn no behu yɛn mmɔbɔ na yɛanwuwu.”+

7 Afei wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yɛmmɔ ntonto+ na yenhu nea wama mmusu yi aba.” Enti wɔbɔɔ ntonto, na ɛbɔɔ Yona.+ 8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, ka kyerɛ yɛn: Hena na wama mmusu yi aba yɛn so? Adwuma bɛn na woyɛ, na ɛhe na wufi? Ɔman bɛn so na wufi, na kurow bɛn so na wufi?”

9 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Meyɛ Hebrini, na mesom* Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɛpo ne asaase no.”

10 Bere a ɔkaa saa no, nkurɔfo no bɔɔ hu kɛse paa, na wobisaa no sɛ: “Dɛn na woayɛ yi?” (Ná nkurɔfo no nim sɛ ɔreguan Yehowa, efisɛ na waka akyerɛ wɔn.) 11 Enti wobisaa no sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ wo na ɛpo no ano adwo ama yɛn?” Saa bere no, na po no gu so ara rehuru denneennen. 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma me so na montow me nto po no mu, na ano bedwo ama mo, efisɛ minim sɛ me nti na ahum kɛse yi aba mo so.” 13 Nanso mmarima no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde hyɛn no bɛfa ahum no mu aba mpoano, nso wɔantumi efisɛ na mframa no rebɔ hyia wɔn denneennen.

14 Afei wofii ase su frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, yɛsrɛ wo mma yennwuwu esiane ɔbarima yi nti!* Mfa mogya a enni fɔ ho asodi nto yɛn so, efisɛ wo Yehowa, nea ɛsɔ w’ani na woayɛ yi!” 15 Ɛnna wɔmaa Yona so tow no too po no mu, na ɛpo no dwoe. 16 Na nnipa no suroo Yehowa papaapa,+ enti wɔbɔɔ afɔre maa Yehowa, na wɔhyehyɛɛ bɔ.

17 Na Yehowa maa apataa kɛse bi bae bɛmenee Yona, na Yona dii apataa no yam nnansa, awia ne anadwo.+

2 Afei Yona bɔɔ Yehowa ne Nyankopɔn mpae wɔ apataa no yam,+ 2 na ɔkae sɛ:

“M’ahoyeraw mu na misu frɛɛ Yehowa, na ogyee me so.+

Ɔdamoa* yafunu mu na misu hwehwɛɛ mmoa.+

Na wutiee me.

 3 Bere a wotow me too bun mu, na mekɔɔ ɛpo ase tɔnn no,

Nsu* dii kyinhyia faa me ho.+

W’asorɔkye a ano yɛ den bu faa me so.+

 4 Ɛnna mekae sɛ, ‘Wɔapam me afi w’anim!

Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ w’asɔrefi kronkron no bio?’

 5 Nsu twaa me ho hyiae ma anka mereyɛ awu;*+

Subun menee me.

Na nwura kyekyeree me ti.

 6 Misian kɔɔ mmepɔw ase tɔnn.

Ɔdamoa* apon kaa me hyɛɛ mu daa.

Nanso wo, Yehowa me Nyankopɔn, wuyii me nkwa fii amoa mu.+

 7 Bere a me nkwa* refi me nsa no, mekaee Yehowa.+

Ɛnna me mpaebɔ duu w’anim, w’asɔrefi kronkron hɔ.+

 8 Wɔn a wɔde wɔn ho to abosonhunu so no, wɔpo onii a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn no.

 9 Nanso me de, mede me nne bɛda wo ase na mabɔ afɔre ama wo.

Ɛbɔ a mahyɛ biara metua.+

Nkwagye fi Yehowa.”+

10 Bere bi akyi no, Yehowa maa apataa no kɔfee Yona too asaase kesee so.

3 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yona ne mprenu so sɛ:+ 2 “Sɔre kɔ Niniwe+ kuropɔn no mu na kɔka asɛm a mereka akyerɛ wo yi kyerɛ wɔn.”

3 Ɛnna Yona sɔre kɔɔ Niniwe+ sɛnea Yehowa kae no.+ Saa bere no, na Niniwe yɛ kurow kɛse,* na na wɔde nnansa na ɛnantew twa ho hyia. 4 Yona wuraa kurow no mu, na ɔnantew twaa da koro kwan. Ɔrekɔ nyinaa, na ɔreka sɛ: “Aka nnafua 40 pɛ na wɔadan Niniwe kurow yi abutuw.”

5 Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii,+ na wɔka ma wɔyɛɛ akɔnkyen,* na wofurafuraa awerɛhow ntama,* efi ɔkɛse so kosi akumaa so. 6 Bere a Niniwe hene tee asɛm no, ɔsɔre fii n’agua so yii n’ahentaade guu hɔ furaa awerɛhow ntama,* na ɔtenaa nsõ mu. 7 Afei ɔma wɔbɔɔ dawuru wɔ Niniwe baabiara sɛ,

“Mmara a ɔhene ne ne mpanyimfo ahyɛ ni: Ɛnsɛ sɛ onipa anaa aboa biara, nantwi oo, oguan oo, de biribi ka n’ano. Obiara nnnidi, na nsu mpo wɔnnnom bi. 8 Onipa ne aboa biara mfura awerɛhow ntama,* na wonsu denneennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfi ne kwammɔne ne n’amumɔyɛsɛm ho. 9 Hena na onim, ebia nokware Nyankopɔn no bɛsesa n’adwene* na watwe n’abufuhyew no asan, na yɛanwuwu.”

10 Bere a nokware Nyankopɔn no huu nea wɔyɛe, sɛnea wɔsan fii wɔn akwammɔne so no,+ ɔsesaa n’adwene* wɔ ɔhaw a ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho, na wanyɛ wɔn hwee.+

4 Nanso Yona ani annye asɛm no ho koraa, na ne bo fuwii yiye. 2 Enti ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ao, Yehowa, ɛnyɛ asɛm a mewɔ m’asaase so no mekae no ara na ɛda hɔ yi? Ɛno nti na miguanee sɛ merekɔ Tarsis no,+ efisɛ minim sɛ woyɛ Onyankopɔn a wowɔ ayamhyehye* ne mmɔborɔhunu, wo bo mfuw ntɛm, wo dɔ a enni huammɔ nni ano,+ na ɛhaw wo sɛ wobɛma amanehunu aba. 3 Afei Yehowa, mesrɛ wo, gye me nkwa* fi me nsam, na eye sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”+

4 Na Yehowa bisaa no sɛ: “Enti wo bo afuw denneennen yi, eye?”

5 Ɛnna Yona fii kurow no mu kɔɔ apuei fam baabi kɔtenaa hɔ, na ɔbɔɔ apata* bi tenaa ne nwini ase sɛ ɔretwɛn ahwɛ nea ɛbɛto kurow no.+ 6 Na Yehowa Nyankopɔn maa kɔntoa* bi fifi kataa Yona so, na onyaa onwini ma egyee no fii n’ahoyeraw mu. Kɔntoa yi nti, Yona ani gyei papaapa.

7 Nanso ade kyee a anim retetew no, nokware Nyankopɔn no maa ɔsã bɛwee kɔntoa no, na ewui. 8 Bere a owia puei no, Onyankopɔn maa apuei mframa a emu yɛ hyew bɔe, na owia hyee Yona apampam ma ɔyɛɛ mmerɛw. Afei ɔsrɛe ara sɛ onwu,* na ɔka sii so sɛ: “Eye sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”+

9 Ɛnna Onyankopɔn bisaa Yona sɛ: “Wohwɛ a eye sɛ kɔntoa yi nti, wo bo fuw denneennen saa?”+

Obuae sɛ: “Eye sɛ me bo afuw. Me bo afuw ara ma minyae a anka mawu.” 10 Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Wo de, kɔntoa yi mpo asɛm haw wo. Nanso woammrɛ ho, na ɛnyɛ wo na woma enyinii. Efifii anadwo baako, na ewui anadwo baako. 11 Na me de, Niniwe kurow kɛse+ a emu nnipa boro 120,000 a wonnim papa ne bɔne,* ɛne wɔn mmoa bebrebe yi asɛm nhaw me anaa?”+

Ɛkyerɛ, “Aburuburuw.”

Anaa “po so hyɛn a ɛte sɛ aborosan.”

Anaa “misuro.”

Anaa “esiane ɔbarima yi kra nti!”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Ɔhweam.”

Anaa “Nsu twaa me ho hyiae beduu me kra ho.”

Nt., “Asaase.”

Anaa “me kra.”

Nt., “kurow kɛse wɔ Onyankopɔn ani so.”

Anaa “wodii mmuada.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “benu ne ho.”

Anaa “onuu ne ho.”

Anaa “woyɛ ɔdomfo.”

Anaa “me kra.”

Anaa “ɔsese.”

Kyerɛ sɛ afifide bi a ɛsow kɔntoa. Ebetumi nso akyerɛ, “adedenkuruma.”

Anaa “ɔsrɛe sɛ ne kra nwu.”

Anaa “wonnim wɔn nifa nnim wɔn benkum.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena