So Television Yɛ Wo Ba Gyigyefo?
Sɛ ɛte saa de a, ɛnde na ɔhaw bi da w’anim. Fa biribi a eye ma wo mma.
Fa nhoma a ɛyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No kyerɛkyerɛ wo mma na ma wɔn ani nnye ho. Nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛfa Yesu, ayarefo ayaresa, awufo a wonyan wɔn ne anwonwade ahorow a wɔyɛe ho na ɛwom. Mmofra ani gye sɛ wɔbɛkenkan Bible mu nsɛm a ɛyɛ nokware yi.
Mfonini ahorow pii wɔ nhoma a wɔadura ho dennen a ekura nkratafa 192 yi mu na ne bo yɛ ¢1.50 pɛ, sɛ wokra a wɔde bɛmana wo a wɔatua n’amanade ho ka.
Mesrɛ mo momfa nhoma Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No no biako mmana me; mede ¢1.50 ahyɛ mu de tua ka.