Nsɛm A Ɛmfata A Wɔkeka Mpo Tumi Bɔ Nokware Ho Dawuru
ƐNSƐ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asomfo nwonwa bere a afoforo keka wɔn ne asɛm a wɔka kyerɛ no ho nsɛm a ɛmfata. Kristoni somafo Petro kyerɛw yɔnko gyidifo sɛ: “Ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka dontori no mu, na wɔka ho nsɛmmɔne.” (1 Pet. 4:4) Ɛtɔ da bi a nsɛm a ɛtete saa a wɔka no ma afoforo nya Bible mu nsɛm ho anigye.
Ɔbarima bi a ofi Senegal ka biribi a esii adwuma foforo bi a ɔkɔɔ mu mu da a edi kan no ho asɛm: “Me mfɛfo adwumayɛfo kekaa ɔbarima foforo a wamma adwuma saa da no ho nsɛm pii kyerɛɛ me. Wɔkae sɛ, ‘Wabɔ dam. Ontumi nka biribi foforo biara ho asɛm, gye Nyankopɔn ho asɛm, na ɔbɔ mmɔden abere nyinaa sɛ ɔbɛtwe nkurɔfo afi wɔn asɔre horow mu. Hwɛ wo ho yiye! Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe wo nso afi w’asɔre mu.’
“Nokwarem no, ɛyɛɛ me nwonwa. Ná nkurɔfo no nnim me. Dɛn nti na na wɔn nyinaa rehaw wɔn ho wɔ me ho? Ɛmaa m’adwene mu fii ase yɛɛ me nãa, na me ho peree me sɛ mehyia saa ‘bɔdamfo’ a wɔmpɛ n’asɛm koraa no.
“Da a ɛto so mmiɛnsa a mekɔɔ adwuma no, mihyiaa obi a na minhuu no. Na ɔyɛ obi a ɔwɔ asetra ho anigye. Na ne ho yɛ anika. Ɔtrɛɛ ne nsam yɛɛ me atuu. Ɔkyerɛe sɛ me ne no bɛbom ayɛ adwuma. Ná ɛda adi sɛ asɛm biara nni ne ho. Nanso na migye di sɛ ɔne ‘ɔbɔdamfo’ a obiara rebɔ me kɔkɔ wɔ ne ho no. Bere a ɔnkyerɛɛ nipa ko a ɔyɛ no, mekae sɛ: ‘Migye di sɛ wone . . . ’ Ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔkae sɛ, ‘Yiw. Na woyɛɛ dɛn hui? Wunim me anaa?’
“Meka kyerɛɛ no sɛ mahu no kakra efisɛ nnaanu a atwam no mu no adwumayɛfo afoforo no aka ne ho nsɛm pii akyerɛ me. Esiane sɛ yɛboom yɛɛ adwuma nti ɔde hokwan ahorow a yenyae kaa Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ me. Mfiase no meka kyerɛɛ no sɛ obetumi aka ho asɛm nanso merensakra me som da. Nanso ebedu saa da no awiabere no na m’ani regye asɛm a ɔka no ho kɛse. Na da a edi hɔ no na m’asi gyinae sɛ megye nokware no.”