Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 5/8 kr. 3
  • Krataa A Ɛda Mudi Mu A Mmofra Kura Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa A Ɛda Mudi Mu A Mmofra Kura Adi
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena Ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • So Yesu ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse No Sɔre Gyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 5/8 kr. 3

Krataa A Ɛda Mudi Mu A Mmofra Kura Adi

Anuanom Adɔfo:

Nea mubehu a ɛka krataa yi ho ne sika ketewaa bi. Eyi yɛ ntoboa a efi me mmabarima Timmy ne Michael, a wɔn mfe yɛ 12 ne 5 no hɔ. Migye di sɛ wɔbɛpɛ sɛ mode di dwuma wɔ ɔkwan biara a ɛho behia so wɔ Ahenni adwuma no mu.

Timmy yɛ Ahenni dawurubɔfo a ɔyɛ nnam, na wafa ɔhaw horow pii mu. Ne na ne me tetew mu, na ankyɛ na yegyaee aware bere a na Timmy adi mfirihyia ason na Michael nso adi asram asia pɛ. Na wɔn na sɔre tia Onyankopɔn ahenni no ho adwuma a mede me ho ahyɛ mu no yiye. Nanso na Timmy ani sɔ nokware no na na ɔpɛ yiye sɛ ɔsɔ Yehowa ani.

Asenniibea no kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔn na hwɛ Timmy ne Michael, enti nea efii mu bae ne sɛ wiase amanne ne afahyɛ horow befii wɔn asetra mu. Nanso Bible mu ntetee a mifii ntɛm de maa Timmy ne gyidi a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no boaa no ma otumi gyinaa pintinn maa Onyankopɔn ahenni no wɔ bere a na osua yi mpo mu. Nanso ɛwom sɛ minni hɔ na makyerɛkyerɛ Michael da biara da de, nanso Timmy boaa Michael wɔ ɔsɔretia a ne na de ba no nyinaa mu ma ohui na ɔtee ase sɛ afahyɛ ne akwamma ahorow a wɔhyɛ no nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ mu no nsɔ Yehowa ani. Na afei esiane Timmy mmɔdenbɔ ne Yehowa honhom nti, Michael aketewaa no nso gyinaa hɔ maa Yehowa.

Wɔ bere a ɛsɛ mu no, denam aseda a mede ma Yehowa so no, minyaa ɔhokafo foforo, Rut a ɔno nso kura abeawa ketewaa Holly​—a wɔn nyinaa yɛ Yehowa asomfo anokwafo. Na denam honhom no mmoa so no mmara maa yɛn kwan ma me nsa kaa Timmy ne Michael bio. Yɛn nyinaa de nnɔnhwere a ɛyɛ anigye nyaa ɔsom adwuma no mu kyɛfa ne afei nso nhyiam horow ne anigye bere nso mu kyɛfa sɛ abusua. Timmy ne Michael ne afei wɔn nuabea foforo, Holly, a na wadi mfirihyia akron no kɔɔ wɔn anim wɔ honhom mu; Timmy kɔɔ n’anim koduu sɛ ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa a ɔreyɛ nhyehyɛe ama asubɔ wɔ “Anidaso a Nkwa Wom” nhyiam a na wɔrebɛyɛ wɔ 1979 ahohuru bere mu no. Mmofra baasa no nyinaa yɛ nkuranhyɛ kɛse ma Rut ne me.

Anadwofa biako a yefi Kristofo nhyiam a ɛhyɛ nkuran bi ase reba no, bere a yɛate boasetɔ ne gyidi a yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ Afrika no kura mu de gyina ɔsɔretia mu no ho asɛm no, Timmy kae sɛ: “Minyae a anka manya ho kwan ada me gyidi a mewɔ wɔ Yehowa mu no adi sɛ me nuanom a wɔwɔ Afrika no. Na medi nokware akosi ase.” Memaa Timmy nyaa awerɛhyem sɛ, “wode kɔ so di Yehowa nokware wɔ nneɛma nketewa mu​—wɔ nhyiam a wokɔ ne wo ho a wode hyɛ mu mu, wɔ adansedi adwuma; bɔnnɔ so adanse a wudi wɔ sukuu, ne osetie a woyɛ ma w’awofo ne atumfo no mu, na sɛ ɛba sɛ wuhyia ɔtaa bi a, Yehowa bɛboa wo ama woadi nokware.”

Na yɛda Yehowa ase sɛ yɛn mma no akɔ so adi nneɛma nketewaa yi nyinaa mu nokware. Botae a esi Timmy anim ne sɛ “mɛma me som adwuma no akɔ anim mprempren sɛnea ɛbɛyɛ na manya kyerɛwtohɔ pa bere a mede akwammisa krataa akɔ ma Betel som adwuma no.”

Sɛ Timmy kɔsra ne na wɔ Beaufort, kuropɔn a ɛbɛn yɛn de no mu a, ɔyɛ nhyehyɛe kɔ Kristofo nhyiam Kwasida anɔpa bere biara. April 29, 1979 anɔpa bi a ɛyɛ Kwasida no, na menam yɛn turo no mu a afei na merebɛyɛ nhyehyɛe akɔ nhyiam. Mihuu sɛnea obi de ne nan atiatia fam wɔ turo no mu hɔ​—mihui sɛ ɛyɛ Michael anammɔn efisɛ nnansa ni a ɔkɔɔ turo no mu sɛ ɔde sunson bi a waba ne dan mu no rekɔhyɛ fam. Ɛma mekaee Timmy ne Michael. Ɛrenkyɛ na wɔasɔre anɔpa yi akɔ nhyiam wɔ Beaufort. Na mewɔ anidaso sɛ Timmy ayɛ nhyehyɛe ama eyi yɛ.

Nanso telefon bi a wɔn nenabarima a ɔwɔ Beaufort no frɛɛ me no haw m’adwene. Asɛm a enye na ɛwɔ telefon no mu, sɛ, Timmy ne Michael remma fie bio. Wɔn na a nitan ahyɛ no ma no atow tuo abɔ wɔn akunkum wɔn wɔ wɔn nna mu saa da no anɔpa. Ɛho nhia sɛ meka sɛ yɛn abusua no dii awerɛhow kɛse wɔ ade a yɛahwere yi nti. Nanso gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu ne anidaso a yɛwɔ wɔ owusɔre a wahyɛ ho bɔ no mu no ma yetumi gyinaa yɛn awerɛhow no ano tɔɔ yɛn bo ase. Yɛde ahopere retwɛn bere a yɛn nyinaa betumi ahyiam ayɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu no bio, retwɛn bere a Yehowa de nea ɔwɔ biara bɛma yɛn sɛ yɛnyɛ wɔ ne nhyehyɛe foforo a ɛreba no mu no.

Yɛsrɛ mo sɛ munnye saa akyɛde ketewaa yi a efi wɔn nkyɛn no. Eyi ne nea wɔwɔ nyinaa a wobetumi de ayɛ ntoboa ama mo wɔ sika fam, na minim sɛ ɛnnɔɔso de, nanso wɔn gyidi ne nnwuma nketewaa a wotumi yɛe wɔn nkwa nna tiaa no mu no yɛ nea akã wɔn a wonim wɔn na wɔdɔ wɔn no nyinaa koma ne wɔn adwene mu, na ɛno na ɛkɔ akyiri. Sɛ munim wɔn a, anka mo eni begye wɔn ho nanso migye di sɛ da koro bi mubenya ho kwan ahu wɔn, na minim sɛ mobɛhwɛ kwan sɛ mubehu wɔn na mo ne wɔn ayɛ adwuma wɔ saa nhyehyɛe foforo a ɛreba no mu.

Mede Kristofo dɔ kyia mo,

T. C.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena