‘Suban A Tete Kristofo Kura’
Willis Mason West kyerɛw wɔ ne homa, The Ancient World no mu sɛ: “Su a Kristofo no kura wɔ nnipa ho no de bi kaa bu a na wommu wɔn no ho. Esiane sɛ Kristo aka asomdwoe nti, pii na wɔpowee sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ asraafo adwuma mu anaasɛ wɔbɛko. Eyi yɛ ɔmammɔesɛm, esiane sɛ Roma wiase no adwuma titiriw ne sɛ ebesiw nnipa a wɔn ani mmuei no kwan nti. Afei nso Kristofo no mfa wɔn ho nhyehyɛ nnipa nsɛm mu; wɔtwe wɔn ho fi nneɛma horow a ɔmanfo yɛ de gye wɔn ani no ho, na wobu eyinom sɛ egyina abrabɔ bɔne so, na wonsiesie wɔn afie mu mfa nhyɛ ɔman no anuonyam wɔ nsɛm anaa nneɛma a adi mu nkonim no mu.”