‘Ɛmfono Me’
Saa na ɔbea warefo bi kyerɛw faa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a wɔakyere agu hama so no ho. Nanso ogye toom sɛ: “Bere a edi kan a metee sɛ wɔrebɛyɛ cassette no, misusuwii sɛ ɛbɛyɛ nea ɛho nhia sɛ wɔtɔ. Misusuwii sɛ ɛnyɛ nea wobenya mu mfaso kɛse bere a wɔatie pɛnkoro akyi no. Nanso hwɛ mfomso ara a midii! Mebɔ cassette no mpɛn pii. Bɔ a mebɔ no daa no mma ɛmfono me, efisɛ minya nneɛma pii fi mu ankasa. . . .
“Bere a meyɛ adwuma wɔ fie no, m’ani gye ho kɛse sɛ metie cassette no, na meyɛ ho mfonini sɛ meka yɛn nuanom a na wɔwɔ afeha a edi kan mu no ho. Ɛtɔ bere bi a, te a mete nka sɛ mebɛn yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔtraa ase wɔ bere tenten a atwam no mu kɛse no ma m’ani tɛɛtɛɛ nsu.”
Mprempren wɔakyere Kristofo Hela Kyerɛwsɛm no mu nsɛm agu hama so. Woayɛ albam fɛfɛɛfɛ bi a ɛho yɛ nnodowee a wɔde saa New World! Translation of the Holy Scriptures cassette no ahyem. Album no a Hela Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a wɔakyere agu hama so (18 cassette) hyem no yɛ ¢1,800.
Mesrɛ mo, momfa album a ɛho yɛ nnodowee a Kristofo Hela Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a wɔakyere agu hama so (18 cassette) hyem no biako mmana me. Mede ¢1,800 ahyɛ mu de retua ka.