Nea Wobɛyɛ a Wubegyae Nom
MMƆ mmɔden sɛ wobɛtew nea wonom no so nkakrankakra: Ɛma yaw nka a gyae a woagyae nom ma wote no kyɛ.
NSƐE wo sika wɔ sigaretnom ano aduru a ne bo yɛ den no ho: New Scientist bɔ amanneɛ sɛ “Akyinnye biara nni ho sɛ ano aduru a wɔtɔn mprempren no mmoa sigaretnomfo ahe biara ankasa.” Na World Health ka sɛ: “Ade titiriw a ɛbɛma sigaretnomfo no atumi agyae . . . bɛyɛ ahosodi a onya bere nyinaa. Nea aka no yɛ nneɛma nketenkete a obedi ho dwuma.”
GYE w’asɛyɛde ne mmoa nso tom: Mfaso kɛse wɔ nnamfo a wɔagyae sigaretnom a wɔbɛboa wo no so. Bɔ mpae. Ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani na woayɛ n’apɛde no bɛboa wo yiye.—Filipifo 2:4; 4:6, 13.
HU mfaso a ɛwɔ sigaret a woagyae nom no so: Ɛma asiane a ɛbɛma woawu (a (komayare, ɔyare a ɛma obi afã wu anaasɛ akisikuru na ɛde ba) no so tew; woyɛ nhwɛso pa; wɔnnsɛe sika; wotwe wo ho fi efi, ne hua, ɔhaw ne akoa a ɛma obi yɛ no ho.
TE yaw a ne nom a woagyae ma wote no ase: Wɔ nnɔnhwerew 12 ntam wɔ bere a wonom wo sigaret a etwa to wiee no, wo koma ne w’ahrawa fi ase siesie nneɛma a asɛe wɔ ho no. Carbon monoxide ne nicotine a ɛwɔ wo mu no dodow so tew ntɛmntɛm. Nanso bere a wo nipadua siesie nneɛma a asɛe wɔ ho no, ɛma wote yaw nka. Wo bo betumi afuw ntɛmntɛm nanso ɛho nhia sɛ wonom sigaret na ama woadi wo nkate horow so. Saa bere tiaa mu yaw nka a wote no yɛ asetra pa mfiase.
TE ɔhaw no ase: Hwɛ ɔhaw ahorow kwan. Nyɛ wo ho mmɔbɔmmɔbɔ na nsan nkɔnom bio. Mma w’adwenem nyɛ wo naa na wubetumi agyae nom.