“Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
Asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no yɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bi a wɔafa de ayɛ nhomawa foforo bi a ɛkanyan anigye asɛmti. Dɛn na bɔhyɛ no kyerɛ ma yɛn? Ɔkwan bɛn so na ebenya mmamu, na bere bɛn?
Hwehwɛ nsemmisa yi ho mmuae denam saa nhomawa fɛfɛ a ekura nkratafa 32 yi a wobɛkenkan no so. Wɔde nhomawa afoforo a ɛne Nniso a Ɛde Paradise Bɛba ne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! no bɛka ho amana wo na woatua ¢90.00 pɛ.
Mesrɛ mo, momfa nhomawa ahorow abiɛsa a ɛne “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, ne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! no mmana me. Mede ¢90.00 ahyem de retua ka.