Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 11/8 kr. 32
  • Ayamye Nnwuma De Anigye Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ayamye Nnwuma De Anigye Ba
  • Nyan!—1987
Nyan!—1987
g87 11/8 kr. 32

Ayamye Nnwuma De Anigye Ba

Ɛnkyɛe biara na Ɔwɛn-Aban no akyerɛwfo nsa kaa krataa a edi so yi:

“Awuranom:

“Ɔsram a etwaam no mu no obi wiaa me babea a onnii mfe aduonu no sika kotoku a ɔde ahyɛ ne bag a ɔde nhoma hyɛ mu nkyɛn no wɔ Philadelphia. Dapɛn a etwaam no mu no, ne nsa kaa nneɛma bi a wɔakyekyere a na ne sika kotoku no ne ne license ne nkrataa afoforo a ɛho hia ka ho a wɔde amana no. Obi a ɔmpɛ sɛ wɔbɔ ne din na ɔde nneɛma no manae, ɛwom sɛ na mo nsɛmma nhoma Ɔwɛn-Aban no biako ka ho. Oniiko a ofi onuadɔ mu san de sika kotoku no brɛɛ me ba bea no (fi onuadɔ kurow mu) no nam ɔhaw bi ne ɛka bi a ɔbɔe so na ɛyɛɛ saa. Me ne m’abusua no mufo nyinaa da saa ɔyamyefo no ase kɛse . . . ɛyɛ ɔkwan kɛse a wɔnam so ‘di adanse,’ titiriw no, wɔ me mma a wonnya nnii mfe aduonu no fam (wɔyɛ baasa) .”

Ɔwɛn-Aban no akenkan anya nnipa ɔpepem pii so nkɛntɛnso wɔ ɔkwan a mfaso wɔ ama wɔanya su ahorow a ɛne nokwaredi, ayamye, ne afoforo ho a wosusuw. Mprempren wotintim nea ɛba biara bɛboro ɔpepem 12 wɔ kasa horow bɛboro 100 mu. Wubetumi akra Ɔwɛn-Aban no afe biako, wubenya biako ɔsram biara, denam krataa a ɛwɔ ase hɔ no a wobɛhyehyɛ na wode ¢300 aka ho de amana no so.

Mesrɛ mo merekra Ɔwɛn-Aban afe biako. Mede ¢300 ahyem de retua ka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena