Kratafa Abien
Asemmisa no ne sɛ so ɛsɛ sɛ wonom sigaret anaasɛ ɛnsɛ sɛ wonom. Bere a wunnyaa nnii mfe aduonu no na wotaa hyia eyi. Ɔhyɛ biara nnim. Wubetumi asi gyinae biara a wopɛ. Nanso nnuruyɛfo ka sɛ, ɛyɛ gyinaesi a nea ebefi mu aba wo so wɔ w’asetra mu no betumi ayɛ nea anibere wom. Ebetumi akyerɛ bere ne sɛnea wubewu mpo.
Enti, nsemmisa ahorow a ɛho hia sɔre: So eye sɛ wɔbɔ nneɛma a wɔde tawa ayɛ ho dawuru? So ɛteɛ abrabɔ fam sɛ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo aman no de wɔn nneɛma a wɔde tawa yɛ no kɔ amanɔnne koyi gu aman afoforo so? So sigaret tɔnfo tɔn ɔyare ne owu? Na esiane sɛ nkurɔfo paw sɛ wɔbɛnom sigaret nti so ɛyɛ asenhia ankasa?