Akwan Horow Du A Wobɛfa So Agyae Sigaretnom
1. Nya ɔpɛ ankasa. Nya ntoase pa ahorow a ɛyɛ pintinn a enti wopɛ sɛ wogyae—obu a wowɔ ma wo ho; w’akwahosan a ɛho hia wo, mprenpren ne daakye; sɛnea wo suban a ɛyɛ asiane no bɛka w’adɔfo a ɛsɛ sɛ ɛho hia wo; ɔpɛ a wubenya sɛ wobɛma wo ho atew wɔ nipadua ne abrabɔ mu wɔ wo ne Onyankopɔn anim.
2. Hyɛ bere a wubegyae na di so. Gyae mpofirim; ɛyɛ yaw pii, nanso egyae ntɛm.
3. Yɛ ade pii a ɛbɛma woatumi atwe wo ho afi adeyɛ no ho. Bubu sigaret biara a ɛwɔ fie hɔ no mu na hwie nsu gu so. Horo wo ntade a tawa hua gyina mu nyinaa. Fi ase foforo, nya nkate foforo!
4. Kwati mmeae a tawa hua wɔ hɔ ne nnamfo a wɔnom sigaret bere a woretwe wo ho afi nicotine abofono ho koraa no. Kɔ mmae a wɔmma sigaretnom hokwan, te sɛ tete nneɛma akorae ne nhomakorabea ahorow.
5. Fa sika a anka wobɛsɛe wɔ tawa ho no sie na bu hwɛ wɔ ɔsram biako akyi! Tɔ biribi a wuhia ankasa. Anaasɛ tɔ akyɛde bi ma wo dɔfo a ɔno nso ani begye wo nkunimdi no ho.
6. Fa wo nsa yɛ biribi wɔ bere a anka wɔde bɛnom sigaret no mu. We kyingɔn (ɛnyɛ nicotine gɔn) anaasɛ nom adɔkɔdɔkɔde wɔ bere a wo kɔn dɔ sigaretnom no. Wudidi wie a twitwiw wo se so mmom sen sɛ wobɛnom sigaret. Tu mpase, kyerɛw nkrataa, pam ade, dɔw wo mfikyifuw mu, siesie nneɛma, hohoro car ho, ne nea ɛkeka ho.
7. Sɛ wo te ahopopo nka, anaasɛ sɛ wo ho hiahia wo a, home ma ensi na ɛnyɛ bɔkɔɔ. Sɛ anka wobɛfa sigaret mmom no, nom nsu pii ne aduaba mu nsu. Nsu hohoro efĩ.
8. Teɛteɛ w’apɔw mu sɛnea w’ahoɔden betumi. Bisa wo duruyɛfo nea eye ma wo ansa. W’apɔw mu a ɛbɛkɔ so ayɛ den no bɛhyɛ wo nkuran.
9. Tew nsa a ano yɛ den a wonom no so. Nsa a ano yɛ den ne sigaret “na ɛkɔ” efisɛ nsa a ano yɛ den betumi akanyan sigaretnom ho akɔnnɔ. Twa fekubɔ ahorow a ebetumi ama eyi aba no mu. Mma w’ani nnye sigaret ho dawurubɔ ahorow ho koraa—susuw ne nnadaa no ho. Mma ennya wo bio.
10. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a, bɔ Onyankopɔn mpae denneenen sɛ ɔmmoa wo, na afei yɛ ade a ɛne wo mpaebɔ no hyia. Nhwɛ anwonwade biara kwan; wo na ma ɛnyɛ hɔ.