Henanom Ne Abɔnefo Ankasa?
BIBLE no ka sɛ atorodi yɛ Satan agyiraehyɛde. Wɔ Yesu bere so no Yudafo asɔfo twaa atoro too no so. Mmere nsakrae ɛ.—Yohane 8:44.
Yehowa Adansefo atamfo kɔ so de atorodi di dwuma de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Adansefo no asɛnka adwuma no. Wɔ Socialist aman so no, atoro no ne sɛ Adansefo no yɛ United States CIA no adwumayɛfo! “ Wɔ wimhyɛn bi a efi London rekɔ United States mu no, Katolekni bi a ɔyɛ Sandinista amanyɛkuw no okyigyinafo de sobo a ɛnyɛ nokware a ɛte saa no bɔɔ Adansefo no kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo bi a ɔte ne nkyɛn. Nanso onipa a onim wɔn yiye no nim sɛ Adansefo no nnyina afã biara wɔ amansɛm mu.—Yohane 17:16; 18:36.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ Katolek aman so no, wɔde atoro afoforo di dwuma de sɛe Adansefo no din. Bere bi a atwam no, na wɔbɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ Komunistfo adwumayɛfo a wonnye. Nnansa yi ara wɔ beae bi a ɛbɛn Caracas, Venezuela no, wɔde atoro sobo bi bɔɔ Adansefo binom. Wɔde atoro amanneɛbɔ baa atesɛm krataa Ultimas Noticias mu sɛ Adansefo baasa bi a na wɔreyɛ Satan som mu amanne ato Ɔdansefo foforo bi mmonnae na wɔakum no! Ɔsɔfo bi a ɔwɔ hɔ no hyɛɛ asɛm no mu gya na ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ, ‘Eyi kyerɛ nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ.’ Dɛn ne asɛm no mu nokware?
Ɔbea a wɔreka no ho asɛm no, mogya na etuu no ma owui na asɔretiafo na na wɔka sɛ wɔtoo no mmonnae no. Akyiri yi, wobisabisaa eyi ho nsɛm na wɔtwee nea wɔkae no nyinaa sanee wɔ atesɛm krataa koro no ara mu.
Nanso dɛn na ɛtoo ɔsɔfo a na ɔredi atoro no? Da no ara a wɔde aseni too gua sɛ ɛnyɛ nokware no, wobisabisaa ne nsɛm wɔ televison so. Na ɛfa dɛn ho? Na wɔakyere no sɛ ɔde cocaine nkaribo 46 rekɔ Spain. Na ɛnyɛ bere a edi kan a wayɛ eyi. Ɔkae sɛ ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔne a wɔtɔn no sum ase mu bere a edi kan wɔ 1984 mu, denam obi a anka ɔyɛ ɔsɔfo a na odi nnubɔne ho sum ase gua a na ɔne no di nkitaho no so. Amanneɛbɔ a ɛwɔ nsɛmma nhoma Auténtico mu no ka sɛ na polisifo no suro sɛ wogyaa ɔsɔfo no a obeguan te sɛ ɔsɔfo biako no a “wɔmaa no kwan ma ɔde nnubɔne mu sika guanee kɔɔ ofi bi a na watɔ wɔ Miami [Florida, U.S.A.] no.”
Dɛn na ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Caracas, Ɔsɔfo panyin Lebrún kae wɔ ne sɔfo nsɛmmɔnedifo yi ho? “Ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ meka sɛ Ɔsɔfo José Luis Gill nyɛ ɔbɔnefo.” Nanso na nea wɔfrɛ no ɔbɔnefo wɔ mmara mu no ne ɔsɔfo panyin no de no bɔ abira enti wɔde ɔsɔfo no too afiase mfirihyia 20. Bible no nso de ɔbɔnefo mu nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ ma: “Munim yiye sɛ nnipa a wɔyɛ bɔne renkɔ Onyankopɔn ahenni mu: nnipa a wobu bra bɔne, . . . awifo, asisifo, . . . ne adwowtwafo renkɔ Onyankopɔn ahenni mu da.” “Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo, owifo, nsɛmmɔnedini.”—1 Korintofo 6:9, 10; 1 Petro 4:15; The Jerusalem Bible (Katolekfo de) .
Sɛ ɔsɔfo di nsɛmmɔne a, woyi no kɔ beae foforo te sɛ nea aba nnansa yi wɔ asɔfo a wɔto mmofra mmonnaa wɔ United States no fãm no. Wɔ Bible mu no, ɔbɔnefo a wɔnsakra n’adwene no asotwe ne sɛ wobetu no anaasɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho. Saa kwan no so nkutoo na Kristofo asafo no bɛde ne ho afi wɔn a wofi wɔn pɛ mu di nsɛmmɔne no ho.—1 Korintofo 5:11, 12.