Dɛn Nti Na Ɔhyew Nkum Wɔn?
Efi South Africa Nyan! kyerɛwfo hɔ
Mmoa pii mu ɔhyew tumi du 37° C. Sɛ ɔhyew a ɛwɔ wo mu no tumi du 41° C. a, w’adwenem nkwamoaa a ɛho hia no bi betumi awuwu na eyi betumi akum wo. Dɛn na ɛbɔ wo ho ban fi ɔhyew a wubenya no ho? “Thermostat” bi (biribi a ɛkyerɛ ɔhyew dodow a ɛsɛ sɛ ɛkɔ wo mu) a ɛwɔ w’adwenem no tumi hu bere a wo mu hyew akɔ soro dodo no, na ɛma nkwammoaa ɔpepem pii a ɛwɔ were no mu no te. Afei fifiri fi ase fi wo yiye. Bere a huhuro retu wɔ wo mu no, edwudwo nipadua no. Eyi yɛ adeyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ mmoa pii ho.
Afei hwɛ oryx tiawa fɛfɛ, aboa a ɔte sɛ ɔkwadu ho mfonini a wotwae wɔ Afrika Namib Anhweatam no so yi. Esiane sɛ nsu ho yɛ na nti, oryx mpɛ sɛ ɔbɛsɛe ne honam mu nsu a ɛho hia no. Enti sɛ anka obefi fifiri no, dɛn na ɔyɛ?
Richard Goss a ɔyɛ mmoa ho nsɛm mu ɔbenfo no kyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma Maberly’s Mammals of Southern Africa no mu sɛ: “Nea ɛbɔ n’adwene ho ban fi mogya a ayɛ hyew atra so no ho ne sɛ, mogya ntini ahorow bi wɔ ne nhwene so; mogya nam ntini ahorow yi mu, na sɛ oryx no home a mframa a edi akɔneaba wɔ ne nhwene mu no ma edwo; mogya a emu adwo yi brɛ mogya a ɛkɔ adwene no mu no mu hyew ase sɛnea nsu brɛ afiri bi mu ɔhyew ase no ara pɛ.”
Ɔkwan a wɔfa so brɛ ɔhyew ase yi nti na oryx tumi tra Afrika anhweatam a ɛhɔ yɛ hyew no so no. The Encyclopedia of Wild Life ka sɛ: “Wosusuw sɛ Oryx betumi atra ase a ɔnnom nsu da, na obenya nsu afi anhweatam no so afifide ahorow no mu. Nokwarem no ɛte sɛ nea n’ani gye yiye wɔ beae a ɛhɔ yɛ hyew pii no—te sɛ nea ekodu 40° C.” Na sɛ oryx no mu hyew du 41° C. nso ɛ? So eyi bɛma wanya ɔhyew? Dabi. South Afrikani mmoa ho nsɛm mu ɔbenfo John Skinner kyerɛkyerɛ mu sɛ Oryx tumi “gyina ɔhyew a akɔ soro bɛyɛ mpɛn anum anaa asia aboro 37° C a wobu sɛ eye ma mmoa so no ano.”
Ɛnyɛ onipa na odii kan yɛɛ afiri a ɛbrɛ ɔhyew ase!