Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di?
Afeha a edi kan no mu mpanyimfo bi a wɔwɔ Roma ka kyerɛɛ Kristoni ɔsomafo Paulo sɛ: “Na yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen, na fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Na saa nnipa no pɛ sɛ wɔte asɛm no fi ne fibea mmom sen wɔn a wɔkasa tia no nkutoo hɔ.
Ɛnnɛ, wɔtaa kasa tia Yehowa Adansefo nso, na ɛbɛyɛ mfomso sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ wobɛte wɔn ho nokwasɛm afi wɔn a wɔwɔ wɔn ho adwene a ɛnteɛ hɔ. Enti yɛn ani gye sɛ yɛde brochure a ɛwɔ nkratafa 32, Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century, a ɛka Yehowa Adansefo gyidi ne dwumadi ahorow ho nsɛm yi bɛma wo. Sɛ wopɛ sɛnea wubenya bi ho asɛm a, yɛsrɛ wo hyehyɛ kratasin a ɛka ho yi na fa mmana.