Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 5/8 kr. 32
  • Bere A Asomdwoe Ho Anidaso Sɛee

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Asomdwoe Ho Anidaso Sɛee
  • Nyan!—1992
Nyan!—1992
g92 5/8 kr. 32

Bere A Asomdwoe Ho Anidaso Sɛee

NA NNIPA pii hwɛ kwan sɛ 1914 bɛyɛ te sɛ afe biara. Nokwarem no, na nnipa a wɔtraa ase ansa na saa afe no reba no wɔ daakye ho anidaso pa. Na nyansahu anya nkɔanim wɔ nyarewa a ɛko tia no no mu. Na ɔko nso ɛ? Wiɛ, Vatican atesɛm krataa L’Osservatore Romano kae wɔ February 1991 mu sɛ, ansa na 1914 reba no na nkurɔfo no “gye di sɛ wɔama ɔko ayɛ abakɔsɛm mu adeyɛ a werɛ afi,” ne sɛ awiei koraa no onipa te “bere bi a nnipa a wɔn ani abue ne nniso horow abara ɔko wom mu.”

Nanso, na 1914 ne mfe a edi akyi no kura ɔhaw ahorow ma adesamma a wɔwɔ ahotɔ no. Na nea edi kan no yɛ nea wɔfrɛɛ no 1914-18 Ɔko Kɛse a ɛsɛee asomdwoe ho nidaso no. Nokwarem no, L’Osservatore Romano frɛɛ no “nnipa a wɔakunkum wɔn pii wɔ nnɛyi abakɔsɛm mu no mu nea edi kan, a nea ɛka nneɛma a ɛwom ho ne mfiridwuma mu abɔrehude ahorow a tete awo ntoatoaso mu nyansahufo akɛse gye dii sɛ wɔde bedi asomdwoe nneɛma ho dwuma no.” Ɔko no maa adwene a ɛne sɛ nyansahu so na wɔnam de asomdwoe bɛba no yɛɛ atoro; mmom no, nyansahu na ɛmaa ɔko yɛɛ nea ebetumi akunkum nnipa pii wɔ ɔkwan a ebi mmae da so.

Na bere a ɔko no mu nnipakum no baa awiei no, okum foforo fii ase. Spanish Influansa a ɛbae wɔ 1918-19 mu no kunkum nnipa bɛboro ɔpepem 20—na wɔdɔɔso sen wɔn a wowuwui wɔ Ɔko Kɛse no ankasa mu no koraa. Wɔyɛɛ nea wobetumi biara; wɔ aman binom so no, wɔkae sɛ ɔyare no a wɔbɛma atrɛw no yɛ nsɛmmɔnedi. Na polisifo kyere nnipa a wɔnwansi wɔ baguam no mpo! Nanso anyɛ yiye. Ɔyare no kɔɔ so te sɛ ahum a biribiara ntumi nsiw no kwan kosii sɛ n’ankasa gyaee. Nkurow mũ mu nnipa nyinaa wuwui. Wɔboaa afunu pii ano wɔ mɔkyere.

Nsakrae bere a 1914 de bae no maa onipa dii huammɔ. Ɔko ne ɔyare so nkonimdi ho anidaso a na ɔwɔ, ne wiase asomdwoe a ɛnam ɔdesani nyansa so bɛba ho adaeso no sɛee koraa. Na bere a nneɛma kɔɔ so sɛee, bere a Ɔko Kɛse no bɛyɛɛ Wiase Ko I denam nea ɛsen saa a edii akyi bae, Wiase Ko II so, bere a ɔyare, ohia, ɔkɔm ne basabasayɛ kɔɔ so pii wɔ wiase nyinaa no, abakɔsɛm akyerɛwfo fii ase hui sɛ 1914 yɛ nsakrae bere kɛse wɔ adesamma abakɔsɛm mu.

Nanso na nea ɛnte sɛ wiase mũ no nyinaa no, Amanaman Ntam Bible Asuafo (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no) hwɛ kwan sɛ 1914 bɛyɛ nsakrae afe bere tenten ansa na ɛreba. Na wɔ ɛno akyi mfe no mu no, sɛnea wiase asɛe nnɛ no nyɛ Yehowa Adansefo nwonwa. Bible nkɔmhyɛ aboa wɔn ma wɔhwɛ nneɛma yi ne anuonyam bere a ebedi akyi aba mpo kwan. Ɔkwan bɛn so na ɛno betumi ayɛ yiye? Bere foforo a Yehowa Adansefo bɛba wo nkyɛn no, wubetumi abisa wɔn ɛho asɛm. Anaasɛ wubetumi akyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi.

[Kratafa 32 mfonini fibea]

Redrawn from artwork of Franklin Booth

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena