Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 9/8 kr. 21
  • Asɛnnennen Ma Awofo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnnennen Ma Awofo
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Obi Pɛ Sɛ Me ne No Da a Mɛyɛ Dɛn?
    Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
  • Fa Abrabɔ Gyinapɛn a Eye Dua Wo Mma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Ka Ɔbea ne Ɔbarima Nna Ho Asɛm Kyerɛ Wo Mma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Awofo—Mommɔ Mo Mma Ho Ban!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 9/8 kr. 21

Asɛnnennen Ma Awofo

Wiase no bra asɛe koraa sen sɛnea anka ɛte. Ɔbea ne ɔbarima nna ho nneɛma a wɔde bɔ aguade ho dawuru abu so. Wɔtɔn nsɛmma nhoma ahorow a ɛda mmea adi sɛ nneɛma a wɔde di agoru kɛkɛ wɔ aguadidan mu. Dwom bi pene obi a wɔne no fi adi a wɔto no mmonnaa so. Nokwarem no, sɛnea nea wohu na wɔte da biara di adanse no, eyi yɛ wiase bi a ne bra asɛe!

ABUSUA ho adesua ho ɔbenfo Greer Litton Fox kae sɛ nna mu nneyɛe anaa nneɛma a ɛfa nna ho “40 anaa nea ɛte saa a obi tumi hu wɔ TV so fi awia 1:30 kosi anadwo 11 da biara no mu nea ennu ɔha biara mu nkyem 5 na wɔn a wɔyɛ no yɛ awarefo.” Esiane sɛnea atesɛm amanneɛbɔfo hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho nkuran denneennen nti, ɛnyɛ nwonwa nso sɛ wobɛkenkan “mmofra a wonnii mfe aduonu nyinsɛn a ɛrekɔ soro yiye ne nneɛma bɔne a efi mu ba no ho nsɛm.”

Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ awofo a wɔpɛ sɛ wɔn mma nya nea eye sen biara no fam no, ntetee a wɔde bɛma wɔn wɔ wiase a ne bra asɛe yi mu no yɛ asɛnnennen. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ mmofra nyinaa de wɔn ho rehyɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu. Nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ Amerikafo mmeawa a wɔadi fi mfe 15 kosi 19 no mu fã wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu osuahu, na eyi kyerɛ sɛ fã a aka no nte saa! Bio nso, wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ nna mu no mu pii mpo nyae a, anka wɔanyɛ saa. Obiako kyerɛw kɔmaa atesɛm krataa kyerɛwfo Ann Landers sɛ:

“Me ne Joe (nea odi kan a misusuwii sɛ medɔ no) nna no anyɛ anigye, enti me ne Mike nso dae, ne afei Neal, ne afei George. Minnim nea na merehwehwɛ. Dekode a na ɛyɛ biara no, mannya. Ná manya adwenhunu pii afi nsɛmma nhoma, TV so dwumadi ne sini ahorow mu. Ná asetra ankasa nte saa.

“Sɛ metumi akasa akyerɛ mmeawa a wɔkenkan wo nsɛm a wokyerɛw no a, anka mɛka makyerɛ wɔn sɛ ɔbea ne ɔbarima nna a wɔde wɔn ho hyem bere a wonnii mfe aduonu no nni nsɛnnennen ho dwuma, ɛde bebree ka ho mmom. Ɛmma abeawa nte nka sɛ wɔdɔ no, ɛma ɔte nka sɛ wommu no. Anka mɛma wɔahu sɛ ɛmma abeawa nyɛ ‘nea waso ɔbea,’ ebetumi ama wayɛ ‘nea ɔnsoo ɔbea’ mmom.

“Sɛ metumi akasa akyerɛ awofo a, anka mɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wonsi obu a obi benya ama ne ho ne gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn so dua nkyerɛ wɔn mma.”

Nokwarem no, mmofra a wɔbɛn wɔn awofo yiye na wɔte ahobammɔ nka wɔ wɔn mmusua mu na wɔn ani gye wɔn ankasa ho no ntaa nyaa wɔn ho mu mma ɔbrasɛe pii te sɛ wɔn a wɔnte saa no. Na ahyehyɛde bi wɔ hɔ a emufo bɛboro ɔpepem anan wɔ asase nyinaa so a wɔboa mmofra a wɔwom no ma wokura gyinapɛn a ɛkorɔn koraa sen nea nnipa pii de di dwuma nnɛ no mu.

Esiane nokwasɛm ahorow yi nti, wobɛyɛ dɛn na watumi aboa wo mma na wɔabɔ wɔn ho ban afi nnɛ wiase yi mu ɔbrasɛe a ɛrenya nkɔanim no ho? Wobɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔanya asetra a ɛyɛ anigye, eye, na wobu ɔbra pa pii wom? Ɛno na nsɛm abien a edidi so no bɛka ho asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena