“Nasifo Popaa ‘Yehowa’”
NA SAA nsɛm no yɛ November 20, 1938 New York Herald Tribune anim asɛm. Asɛm no kae sɛ: “Wɔhyɛɛ Protestant asɔre ahorow a ɛwɔ ɔman no [Germany] afã bi sɛ wɔmpopa asɛmfua ‘Jehova’—sɛnea Germanfo bɔ Yehowa a wɔfa fii ‘Yahwe,’ Hebri asɛmfua ma Onyankopɔn—ne afei Yuda adiyifo din a ɛwɔ Apam Dedaw mu no mu nso.”
Ná eyi yɛ ɔkwan a Nasifo no faa so taa Yudafo no fã. Bere koro no ara, akyinnye biara nni ho sɛ wɔyɛɛ saa de tiaa Yehowa Adansefo a na wɔabara wɔn ti 1933, a na wɔde wɔn agu adwumayɛban mu no nso.
Wɔ 1933 mu no, na Adansefo 19,268 a wɔyɛ nnam na wɔwɔ Germany. Ɛnnɛ, wɔ haw a Nasifo no haw wɔn, ne East Germany Komunistfo de a wɔde baa wɔn so a ɛbaa awiei nnansa yi ara nyinaa akyi no, Adansefo 163,000 na wɔwɔ asafo ahorow 1,938 mu wɔ hɔ. Na wɔmpopaa din Yehowa mfii German kasa mu. Wonim Zeugen Jehovas, Yehowa Adansefo wɔ Germany nyinaa.
Sɛ wopɛ sɛ wunya Yehowa Adansefo ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo kɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo so, anaasɛ kyerɛw address a ɛbɛn wo, a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no.
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Yehowa Adansefo baa dwumadibea ti a ɛwɔ Selters/Taunus, Germany no