Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 10/8 kr. 32
  • ‘Minhyiaa Yehowa Ɔdansefo Bi a Mampɛ N’asɛm Da’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Minhyiaa Yehowa Ɔdansefo Bi a Mampɛ N’asɛm Da’
  • Nyan!—1993
Nyan!—1993
g93 10/8 kr. 32

‘Minhyiaa Yehowa Ɔdansefo Bi a Mampɛ N’asɛm Da’

SO WOAHYIA Yehowa Ɔdansefo bi pɛn? So woanya hokwan de ahwehwɛ nea wogye di ankasa no mu pɛn? Ebia woahyia Ɔdansefo bi bere tiaa wɔ borɔn so anaa wo fie. Nanso mpɛn pii ɛno mma munnya bere nni nkitaho ankasa.

George Plagenz, U.S. nyamesom ho sɛnkyerɛwfo, kyerɛw osuahu a wanya wɔ Adansefo no ho ho asɛm sɛ: “Sɛ mɛfa [Amerikani aseresɛm kyerɛwfo] Will Rogers a ɔkae sɛ onhyiaa onipa bi a wampɛ n’asɛm da no asɛm aka a, me nso minhyiaa Yehowa Ɔdansefo bi a mampɛ n’asɛm da.”

Afei Plagenz faa Irelandni nhoma kyerɛwfo Alan Bestic asɛm kae sɛ: ‘“Kuw yi a wɔyeyaw wɔn pii no mufo yɛ nnipa a wotumi ne wɔn ho bɔ na wɔwɔ anigye. Ɔdansefo biara a mihyiaa no yii ayamye kɛse, obu ne nokware adamfofa su adi kyerɛɛ me wɔ wɔn amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ London [England] no ase.”

Plagenz ka sɛ anuɔden a Adansefo bi de dii afie afie adanse kan no ma wɔfaa wɔn ho tan pii “Nanso emu dodow no ara asakra.” Afei ɔfaa Ɔdansefo ɔkasamafo bi asɛm kae sɛ: “Wɔn a wɔyɛ Adansefo nnɛ no mu dodow no kaa wɔn pon hweem bere bi wɔ Ɔdansefo bi anim.” Dɛn nti na nkurɔfo pii tie asɛm no nnansa yi? “Nkurɔfo afi ase rehu sɛ . . . nnipa nni ɔhaw akɛse a wiase no hyia no ano aduru.”

Yehowa Adansefo gye di sɛ wɔakyerɛ adesamma haw ahorow ano aduru biako pɛ a edi mũ wɔ Yesu mpaebɔ yi mu: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Onyankopɔn Ahenni nniso a adesamma abusua asoɔmmerɛwfo ne ahobrɛasefo gye tom no nkutoo ne basabasayɛ ne ɔtan a ɛrehaw wiase no mprempren no ano aduru. Sɛ wobɛpɛ sɛ wuhu Bible no ne ne nkyerɛkyerɛ afoforo pii a, yɛsrɛ wo kohu Yehowa Adansefo wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo so, anaasɛ kyerɛw WATCH TOWER SOCIETY, P. O. Box 760, ACCRA, anaa address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena