Ahonim, Dɛn Nti na Woteetee Me?
“O AHONIM ohufo, hwɛ sɛnea wohaw me!” Ɔhene Richard III na ɔkaa nsɛm a agye din yi wɔ Shakespeare ɔyɛkyerɛ a wɔato din sɛnea ɛwɔ atifi hɔ yi ara mu, na ɛka ahonu a onipa ahonim betumi ama wanya ho asɛm. Ahonim tumi haw nkurɔfo na ɛsakra nnipa pii asetra ankasa.
Italiani aberante bi asɛm a esii nnansa yi kyerɛkyerɛɛ tumi a ahonim wɔ no mu. N’adwuma a na ɔyɛ sɛ ɔwɛmfo no nti, na ɔde sika kɛse tutu akwan. Nneɛma kɔɔ yiye ara de kosii sɛ da koro bi, ogyaee ne ho mu na owiaa kotoku bi a sika lire 300,000,000 [$185,000] wom. Esiane sɛ na ɔne ne mfɛfo baanu na ɛyɛ adwuma na wontumi nkyerɛ wɔn mu nea wafa no nti, woyii wɔn baasa nyinaa adi fii adwuma mu.
Ɔde sika a owiae no siei a na ɔwɔ adwene sɛ, sɛ asɛm no to twa a, wadi. Sɛ anka ɛbɛba saa no, ateetee bi a na ɔnhwɛ kwan fii ase: Wantumi annyae ne mfɛfo adwumayɛfo a wɔn ho nni asɛm a na wɔayi wɔn adi no ho adwennwen. N’ahonim amma ne ho antɔ no da. Ná ontumi nna. Ontumi nnidi. Ná obiara ntumi ne no nni nkitaho.
Awiei koraa no, bere a afobu ne adwennwen ama no ahaw yiye no, ɔde sika a owiae no kɔmaa polisifo. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Manu me ho dodo. Mintumi nnyina ano bio!” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛyɛ sɛ medi nokware na mada afiase sen sɛ mɛfa me ho adi na m’ahonim abu me fɔ sɛ owifo.”
Ahonim no yɛ Onyankopɔn akyɛde a nnipa nyinaa wɔ bi. Ebetumi anunu yɛn anaa ama yɛayi yɛn ho ano. Sɛ yetie no a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi mfomso ahorow a yɛbɛyɛ ho, na ama yɛakwati sɛ yɛbɛbrɛ bɔne a anibere wom ase. Enti sɛ anka yɛbɛpow ne kɔkɔbɔ anaasɛ yɛde adwemmɔne bɛko atia te sɛ nea Ɔhene Richard III a Shakespeare kaa ne ho asɛm no yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ yɛn ahonim ho anigye na yɛbɔ ho ban.—Romafo 2:14, 15.
Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya Bible no ne emu afotu a wubetumi de adi dwuma ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo hwehwɛ Yehowa Adansefo akyi kwan wɔ beae a wohyia a wɔfrɛ no Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no, anaa kyerɛw address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.