Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 4/8 kr. 32
  • Ɛmaa Ɔbrasɛe So Tewee Koraa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛmaa Ɔbrasɛe So Tewee Koraa
  • Nyan!—1994
Nyan!—1994
g94 4/8 kr. 32

Ɛmaa Ɔbrasɛe So Tewee Koraa

Ɔfotufo bi a ɔwɔ sukuupɔn bi mu wɔ Oklahoma, U.S.A., bɔɔ amanneɛ sɛ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work ayɛ nea ɛwɔ atifi hɔ no. Langston Sukuupɔn mu ɔfotufo no kyerɛwee sɛ:

“Mitu obiara a otu mmofra a wɔadi mfe 13-18 fo sɛ ɔmfa saa nhoma yi nni dwuma. Ɛkyerɛkyerɛ nna ho nsɛm mu wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛn asuafo no hu na ama wɔatumi adi nnɛyi asetra a ayɛ hwanyann yi mu nsɛnnennen ho dwuma so. Wɔ m’ankasa me suahu mu no, mihuu sɛ ɛboa wɔn ma wohu nea ebetumi afi ɔbrasɛe mu aba. Ɛma wohu nyarewa ahorow a wonya fi nna mu te sɛ AIDS, mmaninyare, ananse a egu awode ho ne babaso.

“Ɛda no adi sɛ sɛ wopɛ sɛ wunya nna mu kyɛfa a, ɛsɛ sɛ wopaw ɔhokafo biako wɔ wo nkwa nna mu, na ɛhyɛ aware a wɔtew ho ho nkuran. M’ani agye nhoma yi a mede dii dwuma no ho ankasa. Enya tumi bi wɔ wɔn a wɔde di dwuma no asetra mu. Mehyɛɛ no nsow sɛ mmeawa a na wɔba yɛn adesua no ase a wonyinsɛn nyinsɛn no so tewee koraa bere a yɛde nhoma no dii dwuma no.”

Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma yi bi anaa obi ba wo fie ne wo bɛyɛ Bible adesua a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena