Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 1/8 kr. 32
  • ‘Ade a Egyee Me Babarima Nkwa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ade a Egyee Me Babarima Nkwa’
  • Nyan!—1995
Nyan!—1995
g95 1/8 kr. 32

‘Ade a Egyee Me Babarima Nkwa’

Maame bi a ɔwɔ California, U.S.A., kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛno ne nea ɔkenkan fii Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma ne nea ɛka ho Nyan! mu no. Ɔkyerɛwee sɛ:

“Obi de tuo sii me ne me babarima kumaa (a wadi mfe anan) so, na ɔhyɛɛ me maa mekaa kar no kɔɔ me sikakorabea. Ɔkorɔmfo no wiaa me de, nanso mitumi gyee me babarima no de no guanee. Ade a misusuw sɛ egyee me ne me babarima no nkwa ankasa ne Bible nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a wotintimii wɔ nsɛmma nhoma a ɛsom bo sen biara yi mu no.”

Maame no de nkyerɛkyerɛmu foforo kaa ho sɛ: “Ná madi kan akenkan sɛnea ɛsɛ sɛ obi yɛ komm bere a wahyia tebea bi a ɛyɛ hu te sɛ eyi no wɔ Nyan! nsɛmma nhoma no biako mu. Ntɛm ara na mebɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me ma menyɛ komm. Menam Bible mu nsɛm a meka kyerɛɛ ɔkorɔmfo no so nso ma wanyɛ basabasa.”

Ɔwɛn-Aban ne Nyan! atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ wɔkaa yɛn bere a ɔhaw wom yi ho asɛm siei wɔ Bible mu. Ɛboa nnipa nso ma wogyina nnɛyi tebea horow a ɔhaw wom yi ano. Nanso nsɛmma nhoma no yɛ pii sen saa. Esi ano aduru koro pɛ a ɛtra hɔ daa so dua—Onyankopɔn Ahenni nniso a Yesu Kristo kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no. (Mateo 6:9, 10) Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi anya Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wobɛkenkan no daa no so mfaso.

Sɛ wobɛpɛ sɛ wɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no bi mena wo wɔ wo fie a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. 0. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena