Mmofra Kyerɛ Anisɔ
MMOFRA a wɔn mfonini wɔ ha no nyinaa yɛ ntoaso sukuufo wɔ Nigeria. Wɔkyerɛwee wɔ krataa bi a wɔde kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Nigeria mu sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛda mo ase wɔ susuw a mususuw yɛn ho na mutintim nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work no ho.
“Saa nhoma yi aboa yɛn ma yɛako atia wiase no mu nhyɛso ahorow no na yɛde akyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ a ennyina kyerɛwsɛm so no nyɛ nokware. Ɛka mmofra ahiade ahorow pii ho asɛm, na n’afotu gyina Bible so bere nyinaa. Ɔfã a ɛka atipɛnfo nhyɛso ho asɛm no aboa yɛn titiriw ma yɛate nyansa a ɛwɔ Bible no afotu a ese yɛne anyansafo mmɔ na yɛmpow nkwasea fekubɔ mu no ase. Sɛnea yekurakura yɛn ho yɛn ho ɔdɔ mu ne sɛnea yefi komam de asomdwoe hama kura honhom biakoyɛ mu no yɛ mmofra afoforo a wɔwɔ yɛn sukuu mu no nwonwa.
“Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebekura abrabɔ pa mu bere nyinaa wɔ sukuufo a wɔwɔ yɛn sukuu mu hɔ mu no, yɛde nsi ka Ahenni anidaso no kyerɛ sukuufo a wobetie yɛn no nyinaa, a ebia wɔn a wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɛntɛn yɛn so wɔ ɔkwammɔne so no mfa ho.”
Wɔkyerɛw krataa no ase sɛ, “Efi Yehowa Adansefo mmofra a wɔwɔ All Saints Secondary School, Aba, Abia State, Nigeria, no nkyɛn.”
Sɛ wopɛ sɛ wunya Questions Young People Ask—Answers That Work no bi, anaa ofie Bible adesua a wuntua hwee a, kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.