Ɛhe na Yɛn Ani Kyerɛ?
FA NO sɛ wonam beae bi a wunnim hɔ retu kwan. Ebia sesɛɛ de anka woadu faako a worekɔ no, nanso ɔkwan no so nsɛnkyerɛnne, nkurow din, ne agyiraehyɛde ahorow no nyɛ nea wohwɛ kwan. Wubisa wo ho sɛ, ‘Ɛhe na mewɔ yi? Ɔkwan no so ankasa na menam yi?’
Ɛnnɛ wiase no wɔ tebea a ɛte saa ara mu. Onipa wɔ baabi a onnim hɔ bere a ohu sɛ adesamma abusua no resɛe kɛse wɔ ɔkwan a onhuu bi da so no. Wɔ nkɔso a yɛanya wɔ nyansahu ne mfiridwuma mu nyinaa akyi no, anka ɛte sɛ nea ebedu nnɛ no, na yɛwɔ wiase pa bi mu. Samufo Russell Bourne ka wɔ Great Ages of Man mu sɛ, afeha a ɛto so 20 no mu nkutoo na “tete nsusuwii a ɛfa wiase nyinaa biakoyɛ ho no atumi abam ankasa.”
Nanso, yennuu saa botae a ɛne “wiase nyinaa biakoyɛ” no ho. Sika fam ahobammɔ, aduan pa, akwahosan pa, ne abusua asetra mu anigye ho bɔhyɛ ahorow no nnyaa mmamu. Nhoma Milestones of History ka sɛ: “Wɔ akwan pii so no, nyansahu mu nkɔso yɛ ɔkwan a wɔnam so tee sɛe nneɛma na wodi atirimɔdensɛm.”
Yiw, adesamma a wɔwɔ hɔ nnɛ no ayera wɔ baabi a wonnim hɔ, wɔafom kwan koraa, na wɔmmɛn asomdwoe ne ahobammɔ a wosusuw sɛ wobenya wɔ afeha yi mfiase no ho koraa. Enti, nnipa pii rebisa akwankyerɛ nnɛ sɛ: “Yɛyɛɛ dɛn baa saa tebea yi mu? Wiase no de n’ani akyerɛ he? Yɛwɔ nna a edi akyiri no mu?”
Sɛ yebehu beae a yɛwɔ a, ɛsɛ sɛ yedi kan tumi kyerɛ baabi a yɛwɔ mprempren. Ebinom ka sɛ yɛrebɛhyɛn wiase ahyehyɛde foforo bi mu; afoforo ka sɛ yɛabɛn ɔsɛe pɛɛ. Te sɛ akwankyerɛ nhoma no, Bible no boa yɛn ma yehu beae pɔtee a yɛwɔ ne beae a yɛrekɔ.
Sɛ woretu kwan a, ɛho hia sɛ wohwɛ agyiraehyɛde ahorow a ɛbɛma woahu beae a worekɔ no. Saa ara na Bible no ka agyiraehyɛde—wiase tebea ahorow ne nneyɛe—a ɛbɛhyɛ abakɔsɛm mu bere bi a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri” no agyirae ho asɛm. (2 Timoteo 3:1-5) Saa asɛm, “nna a edi akyiri” no nkyerɛ ɔsoro ne asase ankasa awiei. Mmom, ɛkyerɛ “wiase awiei,” anaasɛ “bere no awiei,” sɛnea Bible nkyerɛase bi ka no no.—Mateo 24:3; Today’s English Version.
Kristoni somafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” (2 Timoteo 3:1) Nokwarem no, ebetumi ayɛ sɛnea eyi fa abakɔsɛm mu mmere afoforo ho. Ampa, bere biara nni hɔ a amanehunu nni mu.
Ɛnde, ntease bɛn na ɛwɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yegye di sɛ saa nsɛm yi twe adwene si yɛn bere yi so?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]
Tom Haley/Sipa Press