Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 6/8 kr. 32
  • Nyan!—Ade a Wogyinaa so Yɛɛ Sɔhwɛ Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyan!—Ade a Wogyinaa so Yɛɛ Sɔhwɛ Bi
  • Nyan!—1995
Nyan!—1995
g95 6/8 kr. 32

Nyan!—Ade a Wogyinaa so Yɛɛ Sɔhwɛ Bi

BERE a sukuufo a wɔwɔ Amerika Kesee Fam man Suriname mu buee wɔn nhomawa a sɔhwɛ a wɔyɛ de kɔ ntoaso sukuu wom mu July 1993 no, wohui sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn a wɔkenkan Nyan! daa no asen afoforo. Nea enti a eyi te saa ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ na nsemmisa a ɛwɔ nhomawa a ekura nkratafa 36 a Nhomasua Asoɛe no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Sɔhwɛ So hyehyɛe no mu fã gyina nsɛm abien a efi Nyan! mu so.

Asɛm a ɛne “Asese Nkurow—Ahokyere Bere wɔ Nkurow Akɛse mu Ahiafo Atrae” a epuee January 8, 1993 Nyan! mu no mu nsɛm baa nkratafa 1 kosi 9. Wobisaa nsɛm 21 wɔ saa asɛm no ho wɔ sɔhwɛ no mu. Ná nsemmisa 14 a ɛfa asɛm a ɛne sɛ, “Capybara—Mfomso Anaa Abɔde mu Anwonwade?,” a epuee September 22, 1992 Engiresi Nyan! mu ho wɔ sɔhwɛ nhomawa no nkratafa 10 kosi 16.

Ɔkyerɛkyerɛfo panyin bi a ɔwɔ Suriname atɔe fam kae sɛ: “Sukuu mpanyimfo no nam saa nsɛm yi a wɔde yɛɛ sukuufo no sɔhwɛ wɔ ɔman no nyinaa mu so akyerɛ sɛ wobu Nyan! sɛ ɛyɛ kasa mmara a ɛteɛ ne nsɛm a wotwa no tia ho nhwɛso.”

Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya Nyan! a ɛba no bi anaasɛ wopɛ sɛ obi ba wo fie ne wo bɛbɔ saa asɛm yi ho nkɔmmɔ a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena