“Merentow Ebi Nkyene Bio Kosi Sɛ Mɛkenkan Awie”
Ɔbarima bi kyerɛw wɔn a wɔyɛ Nyan!, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nnansa yi mihuu April 8, 1994, Nyan! no bi wɔ m’abobow ano. Eei! Dɛn na aba? Moakyerɛw nhoma a ɛyɛ ne bere mu de a aba wom a ɛfa ‘1990 mfe no’ ho. Nsakrae no maa me ho dwiriw me, na bere a edi kan no, mekenkan nsɛm no ankasa. (Ná metaa ka sɛ, ‘Oo, wɔasan aba bio,’ na metow kyene.) Sɛɛ na biribi pa bi wɔ mu ma obiara.”
Ɔkyerɛw de wiei sɛ: “Monam ɔkwan pa no so. Monkɔ so nyɛ adwuma pa no, na mehyɛ bɔ sɛ merentow ebi nkyene bio kosi sɛ mɛkenkan awie.”
Sɛ wobɛpɛ sɛ wɔde Nyan! no bi mena wo wɔ wo fie anaa wopɛ ofie Bible adesua a wonnye hwee a, yɛsrɛ wo, kyerɛw, Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Atifi: ROE/Anglo-Australian Observatory na wɔmaa ho kwan, David Malin na otwaa mfonini no