“Nusu Guu Me”
“Seesei ara na mibuee me March 8, 1995, Nyan! mu kenkanee asɛm a ɛwɔ akyi a ɛkamfo Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no kyerɛ no. Na asɛm no ti ne ‘Ayɛ Den Yiye sɛ Merenyin a Ɔnka Me Ho.’ Bere a merekenkan abofra a ofi Austria a ne papa wui mfe du a atwam ni no nsɛm no, nusu guu me. Madi mfe 50, na me papa wui bere a na madi mfe 7. Kokoram kum no bere a na wadi mfe 39. Mifii ase dii ne wu no ho awerɛhow bere a adwenemhaw bi a emu yɛ den ma wogyee me too ayaresabea mfe asia a atwam no. Mewɔ ayaresa mu mfe anum a abɛsen kɔ yi, na ɛsɛ sɛ misua sɛnea megyina nsɛnnennen bi ano.
“Ɛde besi sɛ mekenkanee saa krataa a efi Austria yi no, na migye di sɛ biribi haw me anaasɛ me gyidi nni mũ. Ná misusuw sɛ me nkutoo ne obi a mete nka sɛ mahwere ade kɛse na midi ankonamyɛ ho yaw kɛse wɔ me papa ho. Ɛyɛ nkuranhyɛ kɛse ma me sɛ mihu sɛ ɛnyɛ me nkutoo, na afoforo wɔ hɔ a wɔte nka te sɛ me ara.
“Mekenkanee Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no fi ti kosii ti. Sɛnea misusuw no, na ɛne nhoma a ɛsen biara a wɔakyerɛw ma adi m’ahiade ho dwuma.”—Owurayere A. G., Connecticut, U.S.A.
Wo dɔfo bi awu? Wopɛ sɛ wunya nokware awerɛkyekye a Bible de ma no? Ɛnde ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaasɛ address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi mu kratafa 5 no mu nea ɛfata na wɔde saa nhomawa yi a ekura nkratafa 32 no bi amena wo.