Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 12/8 kr. 30
  • Norway Asennibea Kunini Gye Ɔsom Mu Hokwan Ahorow Tom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Norway Asennibea Kunini Gye Ɔsom Mu Hokwan Ahorow Tom
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔperee sɛ Wobenya Ahofadi De Asom
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Abofra Sohwɛ—Nyamesom Ne Mmara No
    Nyan!—1997
  • Abofra Sohwɛ​—So Ɛsɛ Sɛ Ɔsom Yɛ Ɔsɛmpɔw?
    Nyan!—1989
  • ‘Wɔayi’ Yehowa Adansefo ‘Ama Mpanyimfo Bagua’
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 12/8 kr. 30

Norway Asennibea Kunini Gye Ɔsom Mu Hokwan Ahorow Tom

NSƐM tebea bɛn na ebetumi ama ɔwofo bi ayɛ nea ɔmfata sɛ ɔtete ne ba? Wogye asɛm yi ho akyinnye denneennen wɔ mmofra sohwɛ ho nsɛm mu wɔ wiase nyinaa. Wosusuw nneɛma pii ho, a awofo no mu biara akwahosan, n’asetra, ne ɔne abofra no ntam abusuabɔ ka ho.

Na ɔsom nso ɛ? Wobetumi aka sɛ ɔwofo bi mfata esiane ne gyidi kɛkɛ nti? Eyi bɛyɛɛ asɛm a wɔde adwene sii so kɛse wɔ abofra bi sohwɛ a Yehowa Adansefo mu biako ne obi twee ho manso wɔ Norway no mu. Bɛboro mfe abien twaam, na wodii asɛm no mprɛnsa ansa na etwae wɔ Norway Asennibea Kunini no anim.

Efii ase wɔ 1988 mu. Eduu March 1989 mu no, na awofo no ntam atetew koraa, na abofra no kodii ɛna no nsam sɛ ɔno na ɔbɛhwɛ no so. Agya no de asɛm no kɔɔ asennibea, na ɔkyerɛe sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ wɔma ɔhwɛ abeawa no so koraa sɛ ɔwofo. Ɔkae sɛ ɛna no ntumi ntete abofra no sɛnea ɛsɛ, ma enti ɛsɛ sɛ wɔma ɔbɛsra no kɛkɛ. Dɛn nti na ɔkaa saa? Ɔbea no ne Yehowa Adansefo bɔ.

Bere a agya no de Yehowa Adansefo atamfo adanse a “etu mpɔn” dii dwuma no, ofii ase sɛ ɔbɛma asennibea no agye adi sɛ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn asetra kwan ne adwene ne gyinapɛn ahorow a ehia na awofo de atete abofra yiye no bɔ abira. Ɔmantam no asennibea atemmufo no 2 kɔɔ afa tiaa 1 buu atɛn sɛ abofra no nkɔ so ntra ne maame nkyɛn ma ɔnhwɛ no so da biara, na wɔmaa agya no hokwan sɛ ɔnkɔsra no. Agya no de asɛm no kɔdan asennibea kɛse no. Ɛha nso, atemmufo no 2 kɔɔ afa tiaa 1 kae sɛ ɛna no nhwɛ abofra no so da biara. Nanso, saa bere yi de, wɔmaa agya no nsrahwɛ bere pii. Afei nso, ɛte sɛ nea atemmufo a wobuu atɛn maa ɛna no mpo adwenem yɛɛ wɔn naa wɔ abofra no daakye ho. Esiane sɛ agya no nyaa nnyinaso a ɛyɛ den yi nti, ɔde asɛm no kɔdan Norway Asennibea Kunini no.

Ɛno nso, agya no pɛe sɛ ɔka Yehowa Adansefo gyidi horow ho asɛmmɔne. Ɔkyerɛe sɛ sɛ ne babea no nyin wɔ saa nkɛntɛnso no ase a, ebedi no awu kɛse.

Nanso, Asennibea Kunini no ammu asɛm no wɔ saa kwan no so. Bere a asennibea no temmufo a odi kan no kyerɛe sɛ ɔpene gyinae a wosii wɔ August 26, 1994 mu no so no, ɔkae sɛ: “Yehowa Adansefo mu biako a ɛna no yɛ no nsiw abofra no a wɔbɛma wahwɛ no so da biara no kwan.” Ɔsan kae sɛ: “Mihu sɛ abofra no renya nkɔso yiye, na ɔyɛ abeawa a ɔwɔ anigye. Ɛte sɛ nea wadi ɔhaw ahorow a ne papa ne ne maame adwene a enhyia koraa wɔ asetra ho ma ɛsɔre no ho dwuma yiye.” Atemmufo baanan a aka no nyinaa penee nea ɔkae no so.

Nnipa a wɔdɔ nokware a wɔwɔ Norway no ani sɔɔ yiye sɛ Asennibea Kunini no atemmufo no huu atosɛm a wɔka too Yehowa Adansefo so no. Asennibea no nam gyinaesi yi so sii ahofadi a obiara wɔ sɛ ɔsom Onyankopɔn, de ntetee pa a egyina Bible nnyinasosɛm ahorow so ma ne mma, so dua.a

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔde nsɛm a ɛtete saa ho amanneɛbɔ ama wɔ April 8, 1990 Engiresi Nyan!, kratafa 31, ne November 8, 1993, Twi de no, kratafa 15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena