Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 1/8 kr. 21-29
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Nyan!—1997
Nyan!—1997
g97 1/8 kr. 21-29

So Wunim?

(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama wɔ kratafa 29 no mu. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma no a, Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)

1. Dɛn so na Onyankopɔn nam bɔɔ amansan a aniwa hu no? (Genesis 1:2)

2. Dɛn na Yehowa nam akanea a ɛwɔ ɔsoro ntrɛwmu mu no so ma wotumi yɛe? (Hwɛ Genesis 1:14.)

3. Dɛn na Sanaherib nkoa hwɛɛ kwan sɛ wɔnam ɛnne kɛse a wɔde kasa kyerɛɛ Yudafo a na wɔte Yerusalem fasu no so wɔ Yudafo no ankasa kasa mu no so bɛyɛ? (2 Beresosɛm 32:18)

4. Adwinnade a wɔde yɛ kua bɛn na wɔde dii dwuma tete mmere mu dɔw asase a sare wɔ so? (Yesaia 7:25)

5. Edin bɛn na wɔde frɛɛ kotoku kronkron a wɔadi ho adwinni a emu na na Urim ne Tumim a na ɔsɔfo panyin no de to ne koma so bere a na ɔkɔ Kronkronbea hɔ no hyɛ mu no? (Exodus 28:29, 30)

6. Sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ no, anyɛ yiye koraa no, na adansefo dodow ahe na wɔhwehwɛ na ama wɔagye asɛm bi atom? (Hebrifo 10:28)

7. Na Israelni kofo a okum Goliat nuabarima Lahmi no din de dɛn? (1 Beresosɛm 20:5)

8. Ɔsɔfo panyin bɛn na ɔhyɛ ma wokum Ɔhemmaa Atalia tirimɔdenfo no? (2 Ahene 11:15, 16)

9. Dɛn na Bible ka sɛ obi betumi ayɛ Yehowa “anim” bere a ɔresrɛ mmɔborohunu no? (Exodus 32:11, NW)

10. Yakob ba bɛn na ne din kyerɛ “Yiyedi,” a wɔde gyinaa asɛm a Lea teɛɛm kae bere a na ɔrewo no so no? (Genesis 30:11)

11. Ɔbotan a Salomo sii Yehowa asɔrefie wɔ so no din de dɛn? (2 Beresosɛm 3:1)

12. Dɛn na Yesu abodin “Kristo” no kyerɛ? (Asomafo no Nnwuma 4:26)

13. Dɛn na Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ na ama wɔatumi ‘ahyɛn ɔpon teateaa no mu’? (Luka 13:24)

14. Edin bɛn na wɔde maa Onyankopɔn abɔde a otwa to wɔ asase so a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no? (Genesis 3:20)

15. Dɛn na na Onyankopɔn adi kan ahu wɔ adesamma koma ho? (Genesis 8:21)

16. Midianfo hene bɛn na Pinehas kum ne babea a ɛmaa ɔhaw a Onyankopɔn de baa Israel so no baa awiei no? (Numeri 25:15)

17. Dɛn na Dawid yere Mikal de daadaa Saul abɔfo a na wasoma wɔn sɛ wɔnkokum Dawid no? (1 Samuel 19:11-16)

18. Dɛn mu na ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee Onyankopɔn abufuw a ɛwɔ ne kuruwa mu no gui? (Adiyisɛm 16:17)

19. Edin bɛn na wɔde dii dwuma wɔ Bible mu de frɛɛ nkurɔfo a na wɔnyɛ Israelfo no? (Esra 10:2)

20. Yudani bɛn na na onni mmabarima a ɔde ne babea maa n’akoa Yarha aware sɛnea ɛbɛyɛ a n’asefo bɛkɔ so atra hɔ no? (1 Beresosɛm 2:34, 35)

21. Dɛn na ɛmaa Usa teɛɛ ne nsa kosoo apam adaka no mu, bere a na wɔde rekɔ no? Saa adeyɛ yi de owu baa ne so. (1 Beresosɛm 13:9, 10)

22. Bible nhoma bɛn na ɛka odiyifo bi a wɔmaa no ahyɛde sɛ ɔnkɔka atemmusɛm nkyerɛ kurow bi a ɛnyɛ Israelfo de nkutoo ho asɛm?

23. Dɛn na Onyankopɔn ntumi nyɛ? (Hebrifo 6:18)

24. Sɛ Yehowa hyira a, dɛn na ɔmfa nka ho? (Mmebusɛm 10:22)

25. Dɛn nneɛma na Dawid fa fii Saul atifi bere a na Saul ada de kyerɛe sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ no bɔne? (1 Samuel 26:12)

26. Dɛn na Yesu yɛe a amma wɔansiw no abo? (Yohane 8:59)

Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae

1. N’adeyɛ tumi

2. Kalenda

3. Wobeyi wɔn hu na wɔahaw wɔn

4. Asɔ

5. Adɛbo

6. Baanu

7. Elhanan

8. Yehoiada

9. Pa kyɛw

10. Gad

11. Bepɔw Moria

12. Nea Wɔasra No

13. ‘Ɛsɛ sɛ wɔpere’

14. Hawa

15. ‘Wɔn komam adwene yɛ bɔne fi wɔn mmofraase’

16. Sur

17. Ohoni ne abirekyi nhwi sumii

18. Ahunum

19. Ananafo

20. Sesan

21. Anantwi no hinhimii

22. Yona nhoma no

23. Atoro

24. Ɔyaw

25. Peaw ne nsu kuruwa

26. Ohintawee

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena